Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 13:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Israel mmarima no hunuu sɛ ɛredene wɔn, (ɛfiri sɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometeɛ), na ɔman no huntahuntaa abodan ne amena ne abotan ne aboda ne mmura mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Israel mmarima no hunuu sɛ ɛredene wɔn, (ɛfiri sɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometeɛ), na ɔman no huntahuntaa abodan ne amena ne abotan ne aboda ne mmura mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Bere a Israel mmarima no huu atamfo no nsraadɔm mpempem no, wɔn ho dwudwoe; nti wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akohintaw wɔn ho wɔ abodan, mmoa, abotan, aboda ne nsukorae mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛberɛ a Israel mmarima no hunuu atamfoɔ no akodɔm mpempem no, wɔn ho dwodwoeɛ enti, wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsuma wɔn ho wɔ abodan, mmena, abotan, aboda ne nsukoraeɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Israel mmarima no hui sɛ ɛreden wɔn, efisɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometew: Na ɔman no hintahintaw abodan ne mmena ne abotan ne aboda ne mmura mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 13:6
18 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsa mu ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.


Nanso wɔyɛ ɔman a wɔatwa wɔn dwo, afom wɔn afa. Wɔama wɔakɔka ntokuro mu, wɔde wɔn ahunta nneduadan mu. Wɔatwa wɔn dwo a ɔgyefoɔ nni hɔ, wɔafom wɔn afa a deɛ ɔbɛka sɛ: Dane ma! nni hɔ.


Nso abura a Ismael totoo mmarima a ɔkunkumm wɔn kaa Gedalia ho no afunu guu mu no ne deɛ Israelhene Baasa nti Ɔhene Asa tuiɛ no, ɛno na Netania ba Ismael de atɔfoɔ no hyɛɛ no ma.


Sɛ ka kyerɛ wɔn nie: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no soɔ no, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ; na deɛ ɔwɔ wiram no, mmoadoma na mede no bɛma mmoa ma wɔadie; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyadeɛ na ɛbɛkunkum wɔn.


Na mehini nnoɔma mmienu yi ntam. Anka mepɛ sɛ metu ha na me ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ ɛno mmom na ɛyɛ pa ara;


Wɔn a wɔnsɛ wiase, wɔkyinkyinii ɛserɛ so, ne mmepɔ so, abodan ne asase so abɔn mu.


Na Ai mmarima no danedanee wɔn ani hwɛɛ wɔn akyiri no, na hwɛ, na kuro no mu wisie retu kɔ soro, na wɔnnya kwan nnwane nkɔ ha anaa ha. Na nnipa a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ soɔ no danedanee wɔn ho tiaa atifoɔ no.


Na Amonfoɔ no bɛtwaa Yordan ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fie nso bɛkoe; na Israel ho hiahiaa wɔn sɛ.


Na Israel mmarima no nso danedanee wɔn ho, na nketenkete kutaa Benyamin mmarima no, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ amaneɛ ato wɔn.


Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfoɔ yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔ mu ne abodan ne huntabea fae.


Na Samuel sɔre firii Gilgal kɔɔ Gibea-benyamin. Na Saulo kan ɛdɔm a wɔne no wɔ hɔ no, mmarima bɛyɛ ahansia.


Na wɔn baanu no yiyii wɔn ho kyerɛɛ Filistifoɔ bansifoɔ no. Na Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwɛ, Hebrifoɔ no refiri adi afiri ntokuro a wɔhuntahuntaa mu no mu.


Na Israelfoɔ a wɔkɔhuntahuntaa Efraim bepɔ soɔ no nyinaa tee sɛ Filistifoɔ adwane no, wɔn nso tu saa wɔn ne wɔn koeɛ.


Ɛnna Sififoɔ foro kɔɔ Saulo nkyɛn Gibea kɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid na ɔhunta yɛn nkyɛn wɔ atenaeɛ a ɛwɔ Hores, Hakila kokoɔ a ɛwɔ ɛserɛ pataa no anafoɔ fam no soɔ no?


Na ɔduruu nnwammuo a ɛwɔ ɛkwan no soɔ no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saulo hyɛnee mu sɛ ɔrekɔgya ne nan. Na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa.


Na Israel mmarima a wɔwɔ bonhwa no agya ne wɔn a wɔwɔ Yordan agya hunuu sɛ Israel mmarima adwane na Saulo ne ne mma atotɔ no, wɔgyaa nkuro no hɔ dwanedwanee, na Filistifoɔ no ba bɛtenaa mu.


Na Filistifoɔ tee sɛ Israelfoɔ akɔhyia Mispa no, Filistifoɔ asafohene foro baa Israel so. Na Israelfoɔ teeɛ no, wɔsuroo Filistifoɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios