Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 13:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na Filistifoɔ bansifoɔ no firii adi kɔɔ Mikmas tempɔn kwan so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na Filistifoɔ bansifoɔ no firii adi kɔɔ Mikmas afaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Saa bere no mu, na Filistifo asraafo no fa bi akɔ akɔfa ɔtempɔn a ɛda Mikmas no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Saa ɛberɛ no mu, na Filistifoɔ asraafoɔ no fa bi akɔ akɔfa tempɔn a ɛda Mikmas no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na Filistifo bansifo no fii adi kɔɔ baabi a Mikmas fa.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 13:23
7 Referencias Cruzadas  

Nso ɛberɛ no mu no, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem.


Waba Ayat afa Migron de ne nnesoa agya Mikmas;


wɔakɔfa mpɔtamu hɔ, wɔakɔsoɛ Geba anadwo no. Rama ho repopo, Gibea-saulo adwane.


Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ.


Na da bi Saulo ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abɔfra a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ nohoa no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios