Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 1:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na saa na na ɔyɛ afe biara. Daa sɛ wɔforo kɔ AWURADE fie a, ɔyi no ahi saa; na ɔsu na ɔnnidi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na saa na na ɔyɛ afe biara. Daa sɛ wɔforo kɔ AWURADE fie a, ɔyi no ahi saa; na ɔsu na ɔnnidi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Bere biara a wɔbɛkɔ Awurade fi no, Penina bɔ Hana akutia. Na eyi ma Hana su na onnidi mpo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Ɛberɛ biara a wɔbɛkɔ Awurade fie no, Penina bɔ Hana akutia. Na yei ma Hana su na ɔnnidi mpo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na saa na Penina yɛ Hana daa afe, sɛ wɔforo kɔ AWURADE fi a, ɔhyɛ no yamgya sa; na osu ara nko na Hana su na onnidi.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 1:7
7 Referencias Cruzadas  

M’akoma abo na akusa sɛ ɛfan, na m’ani apa m’aduanedie so.


M’apinisie nne nti me nnompe afemfam me wedeɛm.


mmarima bi firi Sekem ne Silo ne Samaria bae, wɔyɛ aduɔwɔtwe, na wɔayiyi wɔn bɔgyesɛ asunsuane wɔn ntadeɛ mu abobɔ wɔn ho akam, na wɔkura aduane afɔdeɛ ne aduhwam sɛ wɔde reba AWURADE fie.


Na ahi ara na na ne kora no yi no sɛ ɔbɛhuru ne boɔ, ɛfiri sɛ AWURADE ato ne yafunu mu.


Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Hana, adɛn na wosu, na adɛn na wonnidie, na adɛn na wo bo nnwoɔ? Menyɛ memma wo nsene mmammarima du anaa?


Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.


Na ne na pam batakari kumaa bi ma no, na ɔde kɔma no daa afe a ɔne ne kunu rekɔbɔ daa afe afɔdeɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios