Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 9:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 na makae m’apam a ɛwɔ me ne mo, ne abɔdeɛ nyinaa mu ateasefoɔ ntam no, na nsuo annane nsuyire ansɛe abɔdeɛ nyinaa bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 na makae m’apam a ɛwɔ me ne mo, ne abɔdeɛ nyinaa mu ateasefoɔ ntam no, na nsuo annane nsuyire ansɛe abɔdeɛ nyinaa bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow no nyinaa ntam. Nsuyiri a ɛbɛsɛe abɔde a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ no nyinaa ntam. Nsuyire a ɛbɛsɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 na makae m'apam a ɛwɔ me ne mo ne abɔde nyinaa mu ateasefo ntam no, na nsu annan nsuyiri ansɛe ɔhonam nyinaa bio.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 9:15
14 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.


ɛne akra a ɛtete aseɛ a ɛka mo ho nyinaa, nnomaa, ntɔteboa ne asase so mmoadoma a wɔne mo wɔ hɔ firi adaka no mu nyinaa.


Na mama me ne mo apam yi agyina hɔ, sɛ meremfa nsuyire mensɛe abɔdeɛ nyinaa bio, na nsuyire remma mmɛsɛe asase bio.


Na sɛ mede mununkum meba asase so a, wɔbɛhunu nyankontɔn no wɔ mununkum no mu;


kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam, sɛ wo a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no.


Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ, otumfoɔ a wo ho yɛ hu, a wokora apam ne adɔeɛ, mma ɔbrɛ a ato yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfoɔ ne yɛn adiyifoɔ ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, ɛfiri Asiria ahemfo berɛ so, de bɛsi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.


Na ɔkaee n’apam maa wɔn, na n’adɔeɛ dodoɔ nti ɔyɛɛ ntimmɔborɔ.


Na fa aboɔ mmienu sisi asɔfotadeɛ no mmatiri so, na ɛnyɛ nkaeɛ aboɔ mma Israelfoɔ no, na Aaron nsoa wɔn din ne mmatiri mmienu so nkɔ AWURADE anim mfa nyɛ nkaeɛ.


Wo din nti, mpa yɛn; ngu w’animuonyam adwa no anim ase; kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no.


Na me deɛ, mɛkae m’apam a me ne wo pamm no wo mmabaaberɛ mu no, na mɛma daa apam atim hɔ ama wo.


sɛ ɔbɛhu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no:


Enti hunu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn, — Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara nsɛm so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem soɔ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios