Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 8:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Nanso aburuburo no annya ne nan sibea, na ɔsane baa ne nkyɛn adaka no mu, ɛfiri sɛ na nsuo no da so wɔ asase nyinaa ani. Na ɔtenee ne nsa faa no baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Nanso aburuburo no annya ne nan sibea, na ɔsane baa ne nkyɛn adaka no mu, ɛfiri sɛ na nsuo no da so wɔ asase nyinaa ani. Na ɔtenee ne nsa faa no baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso aborɔnoma no annya baabi ansi, efisɛ na nsu no akata asase no so nyinaa. Enti ɔsan baa Noa nkyɛn ma Noa teɛɛ ne nsa soo ne mu de no baa Adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso, aborɔnoma no annya baabi ansi, ɛfiri sɛ, na nsuo no akata asase no so nyinaa. Enti, ɔsane baa Noa nkyɛn, maa Noa tenee ne nsa sɔɔ ne mu de no baa Adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Nanso aborɔnoma no annya ne nan sibea, na ɔsan baa ne nkyɛn adaka no mu, efisɛ nsu no da so wɔ asase nyinaa ani ara. Na ɔteɛɛ ne nsa faa no baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 8:9
8 Referencias Cruzadas  

Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.


Me kra, sane kɔ wo home mu, na AWURADE ne wo adi no yie.


Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.


na amanaman no mu nso worennya ahodwoɔ, na w’anammɔn rennya home; ɛhɔ na AWURADE bɛma wo akoma a ɛtuo ne ani a ɛyɛ siamoo ne ɔkra a ɛkusa;


Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ mununkum, ne mmuburo a wɔba wɔn buo mu yi?


Na wɔn mu adwanefoɔ firi mu a, wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔ so, na wɔn nyinaa ayɛ sɛ mmonhwa mu mmuburo a wɔsisi apini, obiara n’amumuyɛ ho.


Na ɔsomaa aburuburo sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsuo no awe wɔ asase ani anaa.


Na ɔtwɛn nnanson bio, na ɔsomaa aburuburo firii adaka no mu bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios