Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 8:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na Noa sii afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bukyia no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Na Noa sii afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bukyia no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Na Noa sii afɔremuka maa Awurade. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho tew, de bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Afei, Noa sii afɔrebukyia maa Awurade. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho te, de bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Na Noa sii afɔremuka maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho tew nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho tew nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ muka no so.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 8:20
27 Referencias Cruzadas  

Na Abram tutuu ne ntomadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔ a ɛwɔ Hebron no ho, na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ.


deɛ afɔrebukyia a ɔsii kane no wɔ. Na Abram sɔree AWURADE wɔ hɔ.


Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.


Na wɔkɔduruu deɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔrebukyia no so wɔ nnyina no so.


Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE, na ɔsii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Isak nkoa tuu asubura wɔ hɔ.


Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔtoo no: El-elohe-Israel.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Onyankopɔn a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woredwane afiri wo nua Esau anim no.


Na ɔsii hɔ afɔrebukyia, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel, ɛfiri sɛ da a ɔredwane afiri ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.


Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n’afɔrebɔdeɛ no,


Mmoa a wɔn ho teɛ nyinaa mu, fa nson nson, anini ne abedeɛ. Na mmoa a wɔn ho nteɛ mu, fa mmienu mmienu, onini ne ɔbedeɛ;


ewiem nnomaa mu nso fa nson nson, anini ne abedeɛ, na wɔn ase nnya nkwa asase nyinaa ani.


mmoadoma nyinaa, wɔn a wɔwea nyinaa ne nnomaa nyinaa, ne deɛ nkwa wɔ mu biara, sɛdeɛ wɔn mmoaban teɛ, firi adaka no mu firii adi.


Na apontoɔ nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kɔdwira wɔn, na ɔtua nhema kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔn nyinaa dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ Hiob kaa sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn akoma mu. Saa na na Hiob yɛ daa.


Na Mose kaa sɛ: Ɛsɛ sɛ wode afɔrebɔdeɛ a wɔkum na wɔhyeɛ nso hyɛ yɛn nsa, na yɛde akɔbɔ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn.


Na hye odwennini mu no nyinaa afɔrebukyia no so. Ɛyɛ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, adeɛ a ɛyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.


Na gye wɔn nsam, na ka ano gya afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyi hwa hwanhwam, AWURADE anim: Ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.


nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;


Enti, anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so metu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ, a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Nyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.


Yɛwɔ afɔrebukyia a wɔn a wɔsom ntomadan no nni ho kwan sɛ wɔdi ho biribie.


mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios