Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 50:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 M’agya maa mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɛda a mabɔ no Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kɔsie me. Enti afei ma menkɔ menkɔsie m’agya, na mensane memmra.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 M’agya maa mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɛda a mabɔ no Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kɔsie me. Enti afei ma menkɔ menkɔsie m’agya, na mensane memmra.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 ‘Mʼagya ma mekaa ntam,’ na ɔkae se: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti sɛ miwu a, ɔboda a mʼankasa mitwaa wɔ Kanaan asase so no mu na munkosie me. ‘Enti momma me kwan mma minkosie mʼagya, na mɛsan aba.’ ”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 ‘Mʼagya maa mekaa ntam,’ na ɔkaa sɛ: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti, sɛ mewu a, ɔboda a mʼankasa metwaa wɔ Kanaan asase so no mu na monkɔsie me. ‘Enti, mommisa otumfoɔ Farao ɛkwan mma me na menkɔsie mʼagya, na mɛsane maba.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 M'agya ma mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɔda a mabɔ wɔ Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kosie me. Enti ma menkɔ minkosie m'agya, na mensan memmra.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 50:5
19 Referencias Cruzadas  

Ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na hwan na wowɔ no ɛha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ deɛ ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu!


Na wɔsiee no n’asieeɛ a ɔbɔre faeɛ, Dawid kuro mu no mu. Na wɔde no too mpa a nnuhwam ahodoɔ a wɔafra no nnufrafoɔ kwan soɔ ayɛ so ma no so, na wɔhyee gya kɛseɛ pa maa no.


Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforɔ a watwa no abotan mu mu, na ɔpiree ɔboɔ kakraka bi hinii ɛda no ano, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.


na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.


Nso wɔasuro deɛ ɛkorɔn, na ehu aba kwan mu, na sorɔno bɛgu nhyerɛne, na abɛbɛ ayɛ adesoa, na akɔnnɔ to atwa, ɛfiri sɛ onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfoɔ rekyini mmorɔno so;


Sɛ obi wo mma ɔha na ɔdi mfeɛ pii, na ne mfeɛ mu nna dɔɔso bebree, na papa ammee ne kra na wɔansie no yie a, mese, mpo ɔpɔn ba yɛ sene no.


Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsuo de atwa Yerusalem ho ahyia, na deɛ ɔsie wɔn nni hɔ.


Na menim sɛ wode me bɛsane ama owuo ne efie a ateasefoɔ hyia mu no.


Na Saulo ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Kyerɛ me deɛ woyɛeɛ. Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ka na mede me nsam poma ti mekaa ɛwoɔ kakra mehwɛeɛ. Hwɛ, wuo na mɛwuo!


na me deɛ, merebɛwu asase yi so, merentwa Yordan, na mo na mobɛtwa akɔfa asase pa no.


Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.


Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bɛdi mo akyi, na ɔde mo asane akɔ mo nananom asase so.


W’anim fifire mu na wobɛdidie de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ; na woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.


Na nna a wɔde suu no no twaa mu no, Yosef ka kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ: Sɛ manya adom wɔ mo anim a, monkɔyi Farao asotire sɛ:


Na Farao kaa sɛ: Kɔ, na kɔsie w’agya, sɛdeɛ ɔmaa wokaa ntam no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios