Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 49:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m’animuonyam nkɔfra wɔn asafo mu. Ɛfiri sɛ wɔn abufuo mu na wɔkum nnipa, na wɔn ahokyerɛ mu na wɔsɛee anantwie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m’animuonyam nkɔfra wɔn asafo mu. Ɛfiri sɛ wɔn abufuo mu na wɔkum nnipa, na wɔn ahokyerɛ mu na wɔsɛee anantwie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mma me nkɔka wɔn agyinatu ho, efisɛ wɔnam wɔn abufuw so akunkum nnipa, na wokunkum anantwi de gyee wɔn ani.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mma me nkɔka wɔn agyinatuo ho, ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn abufuo so akunkum nnipa, na wɔkunkumm anantwie de gyee wɔn ani.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m'anuonyam, nkɔfra wɔn asafo mu. Efisɛ wɔn abufuw mu na wokum nnipa, na wɔn ahupoo mu na wɔsɛee anantwi.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 49:6
29 Referencias Cruzadas  

Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ: Moaha me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi soɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ. Na me deɛ, meyɛ asafo a mesua yi, wɔbɛboaboa wɔn ano aba me so abɛku me, na wɔasɛe me ne me fie.


Na Dawid kyeree wɔn apɔnkɔsotefoɔ no mu apem ahanson ne anammɔnmufoɔ mpem aduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.


Na Dawid gyee ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.


Nhyira ne onipa a ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu, na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ, na ɔntena fɛdifoɔ tenabea,


Me kra, hyira AWURADE, na me mu adeɛ nyinaa nhyira ne din kronkron.


Onyankopɔn, sɛ wobɛkum abɔnefoɔ na mogyapɛfoɔ afiri me so akɔ ɛ!


Enti m’akoma tɔ me yam, na me kra di ahurisie, na me honam tena ase dwoodwoo.


Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfoɔ ho, anaasɛ me nkwa nka mogyapɛfoɔ ho nkɔ.


Ntwe me mfra abɔnefoɔ ne abusuyɛfoɔ a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoeɛ soɔ, na wɔn akoma mu deɛ, bɔne wɔ mu.


na m’animuonyam ato wo dwom, na annyae da. AWURADE, me Nyankopɔn, mɛda wo ase daa.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Onyankopɔn, bu wɔn fɔ, ma wɔmpɔn mfiri wɔn agyinatuo ho. Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu, na wɔasɔre atia wo.


Me kra, nyane, bɛnta ne sankuten, nyane, me nso mɛnyane anɔpahema.


Fa me hunta firi nnipa bɔne kokoam agyinatuo ho, firi amumuyɛfoɔ gyegyeegye ho.


Sɛ wɔse: Bra ma yɛnkɔ mogya ho adɛm, ma yɛnkɔtɛ deɛ ɔdi bem kwa;


Teneneeni adwene tene, na abɔnefoɔ agyinatuo deɛ ɛyɛ nkontompo.


Mantena aserefoɔ dwabɔ mu manni ahurisie; wo nsa nti, me nko na metenaeɛ, ɛfiri sɛ wode abufuo ahyɛ me ma.


Me yam hyehye me, me yam hyehye me! Merebrɛ yea mu! O m’akoma afasuo mu! M’akoma pere me, mentumi memmua m’ano. Ɛfiri sɛ mete totorobɛntohyɛn, ɔko mu sebɔ.


na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nnoɔma pa pii a wɔde asie ama mfirinhyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!


Mo ne wɔn a wɔnnye nnie ntwe kɔnnua korɔ; twaka bɛn na tenenee ne amumuyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne esum wɔ?


Nnome nka deɛ ɔhunta de adeɛ bɔ ne yɔnko. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Na Yosua yɛɛ wɔn sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, wɔn apɔnkɔ no, ɔtwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.


Kison asuo sesaa wɔn kɔe, tete dɔm asuo no, Kison asuo no. Me kra, tiatia kɔ wɔ ahoɔden so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios