Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 49:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ɔsa n’afunumu ba wɔ bobe mu, ne n’afunumu bereɛ ba wɔ bobe pa mu. Ɔsi n’atadeɛ wɔ nsa mu, ne ne ntoma wɔ bobe aba mogya mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Ɔsa n’afunumu ba wɔ bobe mu, ne n’afunumu bereɛ ba wɔ bobe pa mu. Ɔsi n’atadeɛ wɔ nsa mu, ne ne ntoma wɔ bobe aba mogya mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbɛsa nʼafurum wɔ bobe dua mu. Ɔde nʼafurum ba bɛsa bobe pa mman mu. Ɔbɛhoro ne ntama wɔ nsa mu, na wahoro nʼatade nso wɔ bobesa kɔɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbɛsa nʼafunumu wɔ bobe dua mu. Ɔde nʼafunumu ba bɛsa bobe pa mman mu. Ɔbɛsi ne ntoma wɔ nsã mu, na wasi nʼatadeɛ nso wɔ bobesa kɔɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Ɔsa n'afurum ba wɔ bobe mu, ne n'afurummere ba wɔ bobe pa mu. Ɔhoro n'atade wɔ nsa mu, ne ne ntama wɔ bobe aba mogya mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 49:11
15 Referencias Cruzadas  

Bobesa bɛma n’ani ayɛ kɔɔ, na nufosuo ama ne se ayɛ fitaa.


Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anwea dodoɔ, wɔdidi na wɔnom, na wɔn ani gye.


Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmaako mmaako firi Dan kɔsi Beer-seba, Salomo nna nyinaa.


nkɔsi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi soɔ, ayuo ne nsa asase, aduane ne bobe nturo asase, ngodua ne ɛwoɔ asase so, na moanya nkwa na moanwu. Na sɛ Hesekia to mo tɛkyerɛmakyene sɛ: AWURADE bɛgye yɛn a, monntie.


Na ɛda no, mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ asene nufosuo, na nsuo asene Yuda mmonhwa nyinaa mu; na nsuo aniwa bɛfiri AWURADE fie asene na akɔfɔ Sitim bonhwa no.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ deɛ ɔfɛntɛm bɛka deɛ ɔtwa, na deɛ ɔtiatia bobe aba soɔ bɛka deɛ ɔgu ayuo, na mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ nyinaa ahono.


Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obiara biara renyi wɔn hu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE ankasa na waka.


anantwie nufosuo ani sradeɛ, ne nnwan nufosuo, nnwammuruwa sradeɛ, ne Basan adwennini mpapo deɛ, ne ayuo sawa mu sradeɛ, na wonom bobe aba mu mogya gyenegyene.


Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa so, asase a ɛso wɔ nsubɔntene, nsuo aniwa ne atareɛ a ɛfifiri mmonhwa ne mmepɔ mu sene,


asase a ayuo ne atokoɔ ne bobe ne borɔdɔma ne atoaa wɔ soɔ, asase a ɛso wɔ ngodua ne ɛwoɔ,


Na wɔtiatiaa nsa-kyi-amena no so kuro no akyi, na mogya firii nsa-kyi-amena no mu kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.


mmɛdi ahemfo nam, asafohene nam, atumfoɔ nam, apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ nam, adehyeɛ ne nkoa, nketewa ne akɛseɛ nyinaa nam.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Simeon abusuakuo mu, mpem dummienu, Lewi abusuakuo mu, mpem dummienu, Isakar abusuakuo mu, mpem dummienu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios