Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 48:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɔhyiraa Yosef sɛ: Onyankopɔn a me nananom Abraham ne Isak nantee n’anim no, Onyankopɔn a wayɛne me me nkwa nna nyinaa de abɛsi nnɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na ɔhyiraa Yosef sɛ: Onyankopɔn a me nananom Abraham ne Isak nantee n’anim no, Onyankopɔn a wayɛne me me nkwa nna nyinaa de abɛsi nnɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ohyiraa Yosef se, “Onyankopɔn a mʼagyanom Abraham ne Isak nantew nʼanim, ne me Nyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ oguanhwɛfo de besi nnɛ no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔhyiraa Yosef sɛ, “Onyankopɔn a mʼagyanom Abraham ne Isak nantee nʼanim, ne me Onyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ odwanhwɛfoɔ de bɛsi ɛnnɛ no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na ohyiraa Yosef sɛ: Onyankopɔn a m'agyanom Abraham ne Isak nantew n'anim no, Onyankopɔn a wayɛn me me nkwa nna nyinaa de abesi nnɛ,

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 48:15
39 Referencias Cruzadas  

Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ.


Na ɔyɛɛ ntɛm kɔhwiee n’ahina mu nsuo no guu anomeeɛ hɔ, na ɔtutuu mmirika kɔɔ abura no mu bio kɔsaa nsuo, na ɔsa maa ne yoma no nyinaa.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: AWURADE a menam n’anim no bɛsoma ne bɔfoɔ aka wo ho, na wama wo kwan so ayɛ dwoodwoo, na woakɔware yerɛ wɔ m’abusua mu ne m’agya fie abrɛ me ba;


Na ɔtwe pinii kɔfee n’ano. Na Isak huaa n’atadeɛ mu hwa hwɛe, na ɔhyiraa no sɛ: Hwɛ, me ba ho hwa te sɛ afuo a AWURADE ahyira soɔ mu hwa.


na noa akɔnnɔduane sɛdeɛ mepɛ brɛ me, na menni, na me nhyira wo ansa na mawu.


Na Yakob hyɛɛ bɔ kaa sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn bɛdi m’akyi ahwɛ me so ɔkwan a merebɛtuo yi mu, na wama me aduane madi ne atadeɛ mahyɛ,


Na ɔboɔ yi a mede mayɛ odum asi hɔ yi bɛyɛ Nyankopɔn fie. Na deɛ wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotosoɔ du du.


Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo nnɔ, na ɔmma wo nyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;


Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na menkɔsi afɔrebukyia wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m’ahohiahia da ɔtiee me na ɔdii m’akyi wɔ kwan a mekɔeɛ no mu no.


Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi, na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so.


Yosef yɛ dua a ɛso aba mman, dua a ɛso aba wɔ nsuo aniwa soɔ mman; ne mman tratra ɔfasuo.


Nanso na ne tadua kura no pintinn, na ne basa mu yɛɛ den. Ɛfiri Yakob Tumfoɔ no nsam, ɛfiri ɔhwɛfoɔ a ɔyɛ Israel botan no mu.


Yeinom nyinaa ne Israel mmusuakuo dummienu no, na yei ne deɛ wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn de hyiraa wɔn. Sɛdeɛ wɔn nhyira teɛ mmaako mmaako na ɔhyiraa wɔn.


Yei ne Noa ho asɛm: Na Noa yɛ onipa tenenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne berɛ so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn nanteeɛ.


Na Salomo se: Wo na woyɛɛ w’akoa m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔnantee w’anim nokorɛ ne tenenee mu, ne wo ho akoma mu teeyɛ mu, na wode adɔeɛ kɛseɛ yi asie ama no, na woama no ɔba a ɔte n’adwa soɔ, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Israel abakan Ruben mma, (na anka ɔno ne abakan deɛ, nanso ɛnam sɛ ɔne n’agya mpena daeɛ nti, wɔde n’abakanyɛ maa Israel ba Yosef mma no, nanso wɔantwerɛ wɔn abakanyɛ anatoɔ mu.


Mede AWURADE masi m’anim daa, na ɔwɔ me nifa yi, merenhinhim.


AWURADE ne me hwɛfoɔ, hwee renhia me.


Bata AWURADE ho, na yɛ papa, tena asase so, na di nokorɛ,


Kɔ, na kɔboaboa Israel mpanimfoɔ ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Hwɛ na mabɛhwɛ mo ne deɛ wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.


Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye adi sɛ AWURADE, wɔn nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na ayi ne ho akyerɛ wo ne no.


Odwumayɛni didi kakraa bi oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefoɔ meeɛ no mma no nnya adayɛ.


Hwɛ, deɛ mahunu sɛ ɛyɛ ne sɛ ɛyɛ fɛ sɛ obi didie na ɔnom na ɔhunu papa wɔ ne brɛ a ɔbrɛ owia yi aseɛ no mu nyinaa, ne nkwa nna dodoɔ a Onyankopɔn de ma no; na ɛne ne kyɛfa.


Onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ ma n’ano, nanso n’akɔnnɔ mmee no da.


Na w’aso nso bɛte w’akyiri asɛm bi sɛ: Yei ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnante so.


ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea, abotan aban bɛyɛ no dwanekɔbea, wɔde n’aduane bɛma no, ne nsuo remmɔ no da.


na wɔahata wɔn owia ne ɔsrane ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsomm wɔn, na wɔdii akyire na wɔpɛɛ akyiri kwan na wɔsɔree wɔn no anim. Wɔremmoa ano, na wɔrenkora, ɛbɛyɛ sumina wɔ asase ani.


Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,


Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.


Na yei ne nhyira a Nyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfoɔ ansa na ɔrewuo. Na ɔkaa sɛ:


Enti sɛdeɛ mogyee Awurade Kristo Yesu no, monnante ne mu saa ara,


sɛ monnante sɛdeɛ ɛsɛ Onyankopɔn a wafrɛ mo akɔ n’ahennie ne n’animuonyam mu no.


Gyidie na Yakob rebɛwuo no, ɔde hyiraa Yosef mma baanu no, na ɔmiaa ne pomatire so sɔree.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios