Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 47:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na afe no twaa mu no, afe a ɛdi soɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhunta me wura sɛ yɛn sika asa na mmoa akuakuo no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na afe no twaa mu no, afe a ɛdi soɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhunta me wura sɛ yɛn sika asa na mmoa akuakuo no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Afe akyi no, Misraimfo no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkae se, “Yɛrentumi mfa biribiara nhintaw yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwi nso yɛ wo dea. Hwee nni hɔ bio a yebetumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Afe akyiri no, Misraimfoɔ no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkaa sɛ, “Yɛrentumi mfa biribiara nhinta yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwie nso yɛ wo dea. Biribiara bio nni hɔ a yɛbɛtumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na afe no twaam no, afe a edi so no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhintaw me wura sɛ yɛn sika asa, na mmoa akuwakuw no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 47:18
4 Referencias Cruzadas  

Na wɔde wɔn mmoa bae, na Yosef maa wɔn aduane gyegyee apɔnkɔ, nnwan, anantwie ne mfunumu. Na ɔmaa wɔn aduane de gyee wɔn mmoa nyinaa afirinhyia no.


Adɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w’anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduane, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao. Ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan.


Na Israel hene retwam ɔfasuo no soɔ no, ɔbaa bi bɔn no sɛ: Owura Ɔhene, boa me!


Me wura ɔhene, deɛ mmarima yi de ayɛ Odiyifoɔ Yeremia no nyinaa, wɔayɛ no bɔne, sɛ wɔato no atwene amena mu sɛ ɛkɔm nkum no deɛ ɔwɔ hɔ, ɛfiri sɛ aduane biara nni kuro mu bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios