Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 45:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔmaa ne nne so sui, na Misraimfoɔ no ne Farao fiefoɔ tee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔmaa ne nne so sui, na Misraimfoɔ no ne Farao fiefoɔ tee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Osuu denneennen maa Misraimfo no tee, Farao fifo tee asɛm no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔsuu dendeenden maa Misraimfoɔ no teeɛ. Ɛyɛɛ saa ma ɛduruu Farao fiefoɔ asom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔmaa ne nne so sui, na Misraimfo no ne Farao fifo tee.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 45:2
10 Referencias Cruzadas  

Na ɔdanee ne ho firii wɔn nkyɛn kɔsui. Na ɔsane baa wɔn nkyɛn bio ne wɔn bɛkasae, na ɔyii Simeon wɔ wɔn mu, na ɔkyekyeree no wɔn anim hɔ ara.


Na Yosef yɛɛ no ntɛm, ɛfiri sɛ na ɔnhunu deɛ ɔnyɛ wɔ ne nua no ho, na na ɔrehwehwɛ baabi akɔsu, na ɔhyɛnee ne pia mu kɔsuu wɔ hɔ.


Ɛnna ɔsɔɔ ne nua Benyamin kɔn mu na ɔsuiɛ; na Benyamin nso sui wɔ ne kɔn ho.


Na ɔfefee ne nuanom nyinaa ano, na ɔsuu wɔ wɔn so, na ɛno akyiri no ne nuanom no ne no kasae.


Na Yosef siesiee ne nteaseɛnam kɔhyiaa n’agya Israel wɔ Gosen. Na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ no no, ɔsɔɔ ne kɔn mu, na ɔsui ara kyɛree wɔ ne kɔn ho.


Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Ɛnna asafo mu no nyinaa memaa wɔn nne soɔ, na ɔman no suu anadwo no.


Na wɔn nyinaa suu pii, na wɔsosɔɔ Paulo kɔn fee n’ano.


AWURADE mma monnya atenayie mo kununom fie. Na ɔfee wɔn ano; na wɔmaa wɔn nne so sui.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios