Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 45:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na wɔtee nka wɔ Farao fie sɛ: Yosef nuanom aba. Na ɛsɔɔ Farao ne ne nkoa ani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na wɔtee nka wɔ Farao fie sɛ: Yosef nuanom aba. Na ɛsɔɔ Farao ne ne nkoa ani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Bere a wɔtee wɔ Farao fi sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa ani gyei.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛberɛ a wɔtee wɔ Farao fie sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa ani gyeeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔtee nka wɔ Farao fi sɛ Yosef ne nuanom aba. Na ɛsɔɔ Farao ne ne nkoa ani.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 45:16
15 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w’afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛdeɛ ɛyɛ w’ani soɔ. Na Sarai tanee n’ani maa no dwane firii ne nkyɛn.


Na Abimelek kaa sɛ: Hwɛ, m’asase na ɛda w’anim yi, baabiara a ɛyɛ wɔ w’ani soɔ no, tena.


Na wɔn nsɛm no sɔɔ Hamor ne ne ba Sekem ani.


Na afei ma Farao nhwehwɛ onipa a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafoɔ mfa no nsi Misraim asase so.


Na asɛm no sɔɔ Farao ne ne nkoa nyinaa ani.


Na ɔfefee ne nuanom nyinaa ano, na ɔsuu wɔ wɔn so, na ɛno akyiri no ne nuanom no ne no kasae.


Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Ka kyerɛ wo nuanom sɛ: Yei na monyɛ: Momfa nnoɔma nsoasoa mo mmoa no, na monkɔ Kanaan asase so


Na ɔman no nyinaa hunui, na ɛyɛɛ wɔn anisɔ. Adeɛ a ɔhene yɛeɛ nyinaa yɛɛ ɔman no nyinaa anisɔ.


Na nhyehyɛɛ no sɔɔ ɔhene ne badwa no nyinaa ani.


Na asɛm no sɔɔ ɔhene ne mmapɔmma no ani, na ɔhene no yɛɛ sɛdeɛ Memukan kaeɛ no.


Na ababaa a ɔbɛsɔ ɔhene ani no nni hemmaa nsi Wasti ananmu. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ani, na ɔyɛɛ saa.


Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛne Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ apontoɔ no ase anigyeɛ mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔmaa wɔyɛɛ dua no.


Na asɛm no sɔɔ nnipakuo no nyinaa ani. Na wɔyii Stefano, ɔbarima a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a wadane Yudani.


Na deɛ ɛtɔ so mmienu no, Yosef yii ne ho kyerɛɛ ne nuanom, na Farao nso hunuu Yosef abusuafoɔ.


nanso ɔno na na ɔdi mo anim ɔkwan soɔ sɛ ɔrekɔsra mo nsrabankyerebea ama mo, ogya mu anadwo, sɛ ɔrekyerɛ mo kwan a momfa soɔ, mununkum mu awia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios