Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 44:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Hwɛ, dwetɛ a yɛhunuu no yɛn nkotokuo ano no, yɛde asane afiri Kanaan asase so abrɛ wo; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛwia wo wura fie dwetɛ anaa sika?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Hwɛ, dwetɛ a yɛhunuu no yɛn nkotokuo ano no, yɛde asane afiri Kanaan asase so abrɛ wo; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛwia wo wura fie dwetɛ anaa sika?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sika a yehuu wɔ yɛn nkotoku mu no, yɛansan amfa amfi Kanaan ammrɛ mo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ fi wo wura fi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sika a yɛhunuu wɔ yɛn nkotokuo mu no, yɛansane amfa amfiri Kanaan ammrɛ mo anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ firi wo wura fie?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Hwɛ, dwetɛ a yehui wɔ yɛn nkotoku mu no, yɛde asan afi Kanaan asase so abrɛ wo; na ɛbɛyɛ dɛn na yebewia wo wura fi dwetɛ anaa sika?

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 44:8
12 Referencias Cruzadas  

Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, yɛdi yɛn nua no ho fɔ, sɛ yɛhunuu n’ahohiahia, na ɔsrɛɛ yɛn mmɔborɔhunu, na yɛantie; enti na saa ɔhaw yi aba yɛn soɔ.


Na wɔn mu baako buee ne kotokuo ano sɛ ɔrema n’afunumu aduane wɔ asoɛeɛ no, ɔhunui, na hwɛ, na ne dwetɛ no hyɛ ne kotokuo ano.


Na ɛbaa sɛ wɔreyiyi wɔn nkotokuo mu adeɛ no, na hwɛ, wɔn mu biara dwetɛ boa hyɛ ne kotokuo mu. Na wɔne wɔn agya hunuu wɔn dwetɛ mmoa no, wɔsuroe.


Na momfa dwetɛ foforɔ nkura, ne dwetɛ a wɔdane maa mo wɔ mo nkotokuo ano no, monkura nsane nkɔ; ebia ɛyɛ anifasoɔ.


Na nnipa no suroo sɛ wɔde wɔn akɔ Yosef fie, na wɔkaa sɛ: Dwetɛ a ɛsane kekaa yɛn nkotokuo mu kane no nti na wɔde yɛn aba ha yi, na wabɛtoa yɛn ato ahyɛ yɛn so afa yɛn ne yɛn mfunumu ayɛ nkoa.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na me wura ka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ saa adeɛ yi.


Ɔsee Yesu sɛ: Deɛ ɛwɔ he? Ɛnna Yesu se: Deɛ ɛse: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu!


Na mmara no: Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma w’ani mmmere adeɛ! no, sɛ mmara asɛm biara ka ho a, wɔaka abɔ mu ahyɛ asɛm yi mu sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios