Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 42:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na Yosef ani bɔɔ ne nuanom no anim no, ɔhunuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔnanani wɔ wɔn anim, na ɔpoopoo n’ani kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛhe na mofiri baeɛ? Na wɔse: Yɛfiri Kanaan asase so na yɛbaa aduanetɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na Yosef ani bɔɔ ne nuanom no anim no, ɔhunuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔnanani wɔ wɔn anim, na ɔpoopoo n’ani kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛhe na mofiri baeɛ? Na wɔse: Yɛfiri Kanaan asase so na yɛbaa aduanetɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Bere a Yosef ani bɔɔ anuanom no so no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛnea onnim wɔn ma ɔhaahaa nʼani kasa kyerɛɛ wɔn se, “Mufi he?” Anuanom no buaa no se, “Yefi Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduan.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛberɛ a Yosef ani bɔɔ anuanom no so ara pɛ, ɔhunuu sɛ wɔyɛ ne nuanom, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛdeɛ ɔnnim wɔn, kasaa anihanehane so kyerɛɛ wɔn. Ɔpoopoo nʼani, bisaa wɔn sɛ, “Mofiri he?” Anuanom no buaa no sɛ, “Yɛfiri Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduane.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na Yosef ani bɔɔ ne nuanom no anim no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔnanani wɔ wɔn anim, na opoopoo n'ani kasa kyerɛɛ wɔn sɛ ɛhe na mufi bae? Na wose: Yefi Kanaan asase so na yɛbaa aduantɔ.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 42:7
6 Referencias Cruzadas  

Ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no poopoo n’ani kasa kyerɛɛ yɛn, na ɔbuu yɛn asase no so akwansrafoɔ.


Na wɔbɛtenatenaa n’anim, ɔpanin sɛdeɛ ne panin teɛ, ne akumaa sɛdeɛ n’akumaa teɛ, na ɛyɛɛ nnipa no nyinaa nwanwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios