Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 42:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ yei, na montena ase, na me deɛ, mesuro Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ yei, na montena ase, na me deɛ, mesuro Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno nti, monyɛ eyi na moanya nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno enti, merebɛma mo ɛkwan ama moasane mo ho sɛ monyɛ akwansrafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na da a ɛto so abiɛsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ eyi, na montena ase, na me de, misuro Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 42:18
12 Referencias Cruzadas  

Na Abraham kaa sɛ: Ɛfiri sɛ mesusuu sɛ, ampa Onyankopɔn ho suro nni ha yi, na me yere nti wɔbɛku me.


Obiara nyɛ kɛseɛ nsene me efie ha, na ɔnkame me biribiara gye wo, ɛnam sɛ ne yere ne woɔ ntira. Na adɛn na menyɛ amumuyɛ kɛseɛ yi, na menyɛ bɔne mentia Onyankopɔn?


Sɛ moyɛ anokwafoɔ a, momma wɔnkyere mo nuanom yi mu baako ntena mo nnedua fie ha, na mo deɛ, ɛkɔm a ɛwɔ mo afie mu nti, monsoa aduane nkɔ.


Na akane amradofoɔ a wɔdii m’anim no yɛɛ ɔman no so adesoa, na wɔgyegyee wɔn hɔ aduane ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbena aduanan nso. Wɔn asomfoɔ nso homm ɔman no so. Na me deɛ, Nyankopɔn ho suro nti, manyɛ saa.


Na mekaa sɛ: Asɛm a moredie yi nyɛ, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monanteɛ, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfoɔ no nsopa no nti?


Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mu na ɔtene, na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.


Na awogyefoɔ no suro Onyankopɔn, enti wɔanyɛ sɛdeɛ Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn no, na mmom wɔgyee mmabanin no nkwa.


Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin.


Na mo mu biara nnni ne yɔnko amim, na suro wo Nyankopɔn: Na mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Mfa nyadie nhyɛ no so, na suro wo Nyankopɔn.


Ɔtemmufoɔ bi tenaa kuro bi mu a ɔnsuro Onyankopɔn, nanso ɔmfɛre nnipa.


Na wampene maa no kyɛree kakra. Na akyire yi ɔkaa ne tirim sɛ: Mensuro Onyankopɔn na memfɛre nnipa deɛ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios