Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 40:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Farao kuruwa kura me, na metetee bobe aba no mekyi guu Farao kuruwa no mu, na mede kuruwa no hyɛɛ Farao nsa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na Farao kuruwa kura me, na metetee bobe aba no mekyi guu Farao kuruwa no mu, na mede kuruwa no hyɛɛ Farao nsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na mikura ɔhene Farao nsa kuruwa. Metetew bobe aba no, kyikyi guu ɔhene Farao nsa kuruwa no mu, de maa no sɛ ɔnnom.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na mekura ɔhene Farao nsã kuruwa. Metetee bobe aba no, kyikyi guu ɔhene Farao nsã kuruwa no mu, de maa no sɛ ɔnnom.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na Farao kuruwa kura me na metetew bobe aba no mikyi miguu Farao kuruwa no mu, na mede kuruwa no mehyɛɛ Farao nsa.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 40:11
11 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa sɛ akyire yi Misraimhene nsahyɛni ne ne paanootoni fom wɔn wura, Misraimhene no.


na bobe no apae nkorabata mmiɛnsa, na ayɛ sɛdeɛ ɛrefefɛ, na anyini agu nhyerɛne, na abɔ esia ayɛ aba a abereɛ.


Na Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Ne nkyerɛaseɛ nie: Nkorabata mmiɛnsa no yɛ nnansa.


na ɔsane de nsahyɛfoɔ mu panin no sii ne nsahyɛ so bio a ɔde kuruwa hyɛ Farao nsa.


Ɔsa n’afunumu ba wɔ bobe mu, ne n’afunumu bereɛ ba wɔ bobe pa mu. Ɔsi n’atadeɛ wɔ nsa mu, ne ne ntoma wɔ bobe aba mogya mu.


ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfoɔ gyinabea ne wɔn ntadeɛ ne ne nsahyɛfoɔ ne n’afɔreɛ a ɔbɔɔ no AWURADE fie, na ne ho dwirii no.


ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfo agyinaeɛ ne wɔn ntadeɛ, ne ne nsahyɛfoɔ ne wɔn ntadeɛ, ne n’aforoeɛ a ɔnam so kɔ AWURADE fie no, ne ho dwirii no.


Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.


ɛnna adedodoɔ bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsa-kyi-amena mu nsa foforɔ bɛbu soɔ.


Wo ne wo mma nyinaa, ansa na mobɛhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsa biara, na moanwuwu. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios