Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 40:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɛbaa sɛ akyire yi Misraimhene nsahyɛni ne ne paanootoni fom wɔn wura, Misraimhene no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɛbaa sɛ akyire yi Misraimhene nsahyɛni ne ne paanootoni fom wɔn wura, Misraimhene no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mmere bi akyi no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsahyɛfo panyin ne ne brodotofo panyin fom no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mmerɛ tiawa bi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsãhyɛfoɔ panin ne ne burodotofoɔ panin fom no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na nsɛm yi akyi no, Misraim hene nsahyɛfo ne n'abodootofo fom wɔn wura, Misraim hene no.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 40:1
10 Referencias Cruzadas  

Na Farao kuruwa kura me, na metetee bobe aba no mekyi guu Farao kuruwa no mu, na mede kuruwa no hyɛɛ Farao nsa.


Na aka nnansa na Farao ayi wo afiri ha de wo asane akɔdi wo dibea bio, na wode Farao kuruwa ahyɛ ne nsa sɛ kane a na woyɛ ne nsahyɛni no.


Na paanootofoɔ panin no hunuu sɛ nkyerɛaseɛ no yɛ no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me nso, me daeɛ mu no, na hwɛ, paanoo nkɛntɛn mmiɛnsa a ɛsisi soɔ wɔ m’atifi.


Na Farao bo fuu n’apiafoɔ baanu no, nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ panin no.


Na Misraimhene nsahyɛni ne ne paanootoni a na wɔgu afiase hɔ no baanu nyinaa sosoo daeɛ anadwo korɔ, ɛsono oyi daeɛ ne n’asekyerɛ, na ɛsono oyi nso daeɛ.


Ɛnna nsahyɛfoɔ mu panin no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Makae me mfomsoɔ nnɛ.


Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.


Anadwo no ɔhene anna, na ɔkaa sɛ wɔmfa berɛsosɛm nkaeɛ nwoma no mmra. Na wɔbɛkenkann no ɔhene anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios