Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 39:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Afiasehwɛni no anha ne ho anhwɛ biribiara a ɛwɔ Yosef nsam, ɛfiri sɛ AWURADE dii n’akyi, na deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, AWURADE maa no yɛɛ yie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Afiasehwɛni no anha ne ho anhwɛ biribiara a ɛwɔ Yosef nsam, ɛfiri sɛ AWURADE dii n’akyi, na deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, AWURADE maa no yɛɛ yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Esiane sɛ na Awurade ka Yosef ho no nti, na afiase sohwɛfo panyin no nhaw ne ho nyɛ adwuma. Efisɛ biribiara a Yosef bɛyɛ no, Awurade hyira so ma esi yiye.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Esiane sɛ na Awurade ka Yosef ho no enti, na afiase sohwɛfoɔ panin no nha ne ho nyɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, biribiara a Yosef bɛyɛ no nso, Awurade hyira so ma ɛsi yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Afiasehwɛfo no anhaw ne ho anhwɛ biribiara a ɔde hyɛɛ Yosef nsa no, efisɛ AWURADE dii n'akyi, na nea ɔyɛe nyinaa, AWURADE ma ɛyɛɛ yiye.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 39:23
10 Referencias Cruzadas  

Na Yosef wura no faa no de no kɔtoo afiase, deɛ ɔhene nneduafoɔ guo, na ɔdaa afiase hɔ.


Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: Hwɛ, sɛ me wura anya me nti ɔnhwɛ deɛ ɛwɔ ne fie, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ahyɛ me nsa.


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.


Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo.


Me Nyankopɔn asoma ne bɔfoɔ ama no abɛmuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee, ɛsiane sɛ wahu me sɛ medi bem n’anim, na wo, ɔhene, anim nso menyɛɛ bɔne biara.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios