Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 38:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na afei Yuda ka kyerɛɛ n’ase Tamar sɛ: Kɔtena kuna mu wɔ w’agya fie kɔsi sɛ me ba Sela bɛnyini. Ɛfiri sɛ ɔse, anyɛ saa a, ɔno nso bɛwu sɛ ne nuanom. Na Tamar kɔ kɔtenaa n’agya fie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na afei Yuda ka kyerɛɛ n’ase Tamar sɛ: Kɔtena kuna mu wɔ w’agya fie kɔsi sɛ me ba Sela bɛnyini. Ɛfiri sɛ ɔse, anyɛ saa a, ɔno nso bɛwu sɛ ne nuanom. Na Tamar kɔ kɔtenaa n’agya fie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafo Tamar se, “Tu na kɔtena wʼagya fi sɛ okunafo kosi sɛ me babarima Sala benyin.” Na osuro sɛ, Sela nso bewu, sɛnea ne nuanom mpanyimfo Er ne Onan wuwui no. Enti Tamar tu kɔtenaa nʼagya fi hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Afei, Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafoɔ Tamar sɛ, “Tu na kɔtena wʼagya fie sɛ okunafoɔ kɔsi sɛ me babarima Sala bɛnyini.” Na ɔsuro sɛ, Sela nso bɛwu, sɛdeɛ ne nuanom mpanimfoɔ Er ne Onan wuwuiɛ no. Enti, Tamar tu kɔtenaa nʼagya fie hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na afei Yuda ka kyerɛɛ n'ase Tamar sɛ: Kɔtena kuna mu wɔ w'agya fi kosi sɛ me ba Sela benyin. Efisɛ ose: anyɛ saa a, ɔno nso bewu sɛ ne nuanom. Na Tamar kɔe kɔtenaa n'agya fi.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 38:11
3 Referencias Cruzadas  

Na ɔyii ne kuna ntadeɛ firii ne ho, na ɔde nkatanimu kataa n’anim, na ɔsakyeraa ne ho kɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timnat kwan ho, ɛfiri sɛ wahunu sɛ Sela anyini, na wɔamfa no amma no awareɛ.


Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa yi yɛ okunafoɔ anaasɛ wɔako no, na ɔnni ba, na ɔsane ba n’agya fie sɛ ne mmɔfraase a, ɔnni n’agya aduane no bi; na ɔhɔhoɔ biara deɛ, ɔnnni bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios