Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 37:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ne nuanom hunuu sɛ wɔn agya dɔ no sene wɔn nyinaa no, wɔtanee no, na wɔmfa abodwoɔ ne no nkasa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ne nuanom hunuu sɛ wɔn agya dɔ no sene wɔn nyinaa no, wɔtanee no, na wɔmfa abodwoɔ ne no nkasa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Bere a ne nuanom no huu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sen wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛberɛ a ne nuanom no hunuu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sene wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ne nuanom hui sɛ wɔn agya dɔ no sen wɔn anuanom nyinaa no, wokyii no, na wɔamfa abodwo ne no ankasa.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 37:4
19 Referencias Cruzadas  

Na Esau tanee Yakob wɔ nhyira a n’agya de hyiraa no no nti. Na Esau kaa no n’akoma mu sɛ: Nna a wɔde bɛsu m’agya no reyɛ abɛn, na merebɛkum me nua Yakob.


Na ne nuanom ani beree no; na n’agya deɛ, ɔde nsɛm no siee.


Na Yosef soo daeɛ, na berɛ a ɔka kyerɛɛ ne nuanom no, wɔtanee no senee akane no.


nanso Kain ne n’afɔrebɔdeɛ no deɛ, n’ani ansɔ. Kain bo fuu pii, na ɔmunae.


Mmɛmmatofoɔ hyɛɛ no yea, wɔtotoo no, na wɔtaa no.


Na m’atamfoɔ ho yɛ wɛwɛwɛ, wɔn ho yɛ den, na wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso.


Wɔn a wɔtane me kwa dɔɔso sene me tiri so nwi, m’asɛefoɔ a wɔyɛ m’atamfoɔ atorofoɔ dɔɔso, deɛ memfaeɛ no, wɔse mennane memma.


Na wo nuanom nso ne w’agya fie, wɔn mpo twa wo nkontompo, wɔn nso wɔteam denden di w’akyi; sɛ wɔka nnɔkɔnnɔkɔsɛm kyerɛ wo a, nnye wɔn nni.


Na sɛ efie bi ne ne ho di asie a, efie no ntumi nnyina.


Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.


Na deɛ ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ, ɛfiri sɛ esum no afira n’ani.


Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn.


ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri bɔne mu na ɔkumm ne nua no. Na adɛn nti na ɔkumm no? Ɛfiri sɛ ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne, na ne nua deɛ no deɛ, ɛtene.


Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunuu no?


Na ne nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa; na Eliab bo fuu Dawid kaa sɛ: Adɛn nti na wosiane baa ha? Na hwan na wogyaa nnwan kakra a wɔwɔ wiram no hyɛɛ ne nsa? Me deɛ, menim w’aniɛden ne w’akoma mu bɔne dada sɛ ɔko no hwɛ nti na wosiane baeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios