Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 37:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na yei ne Yakob abusua ho abakɔsɛm: Yosef dii mfirinhyia dunson no, ɔne ne nuanom kɔhwɛɛ nnwan; na aberantewaa no ne n’agya yerenom Bilha ne Silpa mma na ɛwɔ hɔ. Na Yosef bɛka wɔn ho asɛmmɔne kyerɛ n’agya.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na yei ne Yakob abusua ho abakɔsɛm: Yosef dii mfirinhyia dunson no, ɔne ne nuanom kɔhwɛɛ nnwan; na aberantewaa no ne n’agya yerenom Bilha ne Silpa mma na ɛwɔ hɔ. Na Yosef bɛka wɔn ho asɛmmɔne kyerɛ n’agya.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yosef abusua ho asɛm ni: Bere a Yakob ba Yosef dii mfirihyia dunson no, na ɔboa ne nuanom a wɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmabarima no hwɛ wɔn agya nguan so. Na ɔtaa bɛka nneyɛe bɔne a ɛkɔ so fa ne nuanom no ho no kyerɛ wɔn agya.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yosef abusua ho asɛm nie: Ɛberɛ a Yakob ba Yosef dii mfirinhyia dunson no, na ɔne ne nuanom hwɛ wɔn agya Yakob nnwan so. Na ɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmammarima no ɔboafoɔ. Na ɔyɛ obi a nneɛma a ne nuanom no yɛ a ɛnyɛ no, ɔtaa bɛka kyerɛ wɔn agya Yakob.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na eyinom ne Yakob awo ntoatoaso: Yosef dii mfirihyia dunsɔn no, ɔne ne nuanom kɔhwɛɛ nguan; na aberantewa no ne n'agya yerenom Bilha ne Silpa mma na ɛwɔ hɔ. Na Yosef bɛbɔ wɔn dimmɔne kyerɛ n'agya.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 37:2
17 Referencias Cruzadas  

Na yeinom ne Noa mma Sem, Ham ne Yafet awoɔ ntoatoasoɔ. Na nsuyire no akyi, wɔwoo mma.


Yei ne sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na ɔde n’abaawa Bilha maa no awareɛ, na Yakob ne no dae.


Na Lea hunuu sɛ n’awoɔ mu atwe no, ɔde n’abaawa Silpa maa Yakob awareɛ.


Na ɛbaa sɛ Israel te asase no soɔ no, Ruben ne n’agya abaawayerɛ Bilha kɔdae, na Israel tee.


Na Yosef kɔgyinaa Misraimhene Farao anim no, na wadi mfirinhyia aduasa. Na Yosef firii Farao anim hɔ kɔkyinii Misraim asase nyinaa so.


Na Yosef hunuu ne nuanom no; na wɔn deɛ, wɔanhu no.


Na mfeɛ mmienu ni a ɛkɔm aba asase yi soɔ, na aka mfeɛ nnum bio a funtum ne otwa nni mu.


Monse no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ firi yɛn mmɔfraase de bɛsi nnɛ, yɛn ne yɛn nananom, na moatena Gosen asase so, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ kyiri mmoahwɛfoɔ nyinaa.


Adam awoɔ ntoatoasoɔ nie: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ɔbɔɔ no ne suban so.


Yei ne Noa ho asɛm: Na Noa yɛ onipa tenenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne berɛ so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn nanteeɛ.


Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ, medi adanseɛ sɛ, ne nnwuma yɛ bɔne.


Na me nuanom, Kloe fiefoɔ abɛyi me mo ho asotire sɛ, aperepereɛ wɔ mo mu.


Na deɛ ɛdi kan no, mohyia mu asafo no mu a, mete sɛ mpaepaemu wɔ mo mu; na megye emu bi medi.


Wɔabɛka sɛ adwamammɔ wɔ mo mu, adwamammɔ a ɛnni abosonsomfoɔ mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios