Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 33:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Esau kaa sɛ: Deɛ mewɔ dɔɔso, me nua, ma w’adeɛ ntena hɔ mma wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na Esau kaa sɛ: Deɛ mewɔ dɔɔso, me nua, ma w’adeɛ ntena hɔ mma wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso Esau buaa no se, “Me nua, mewɔ saa mmoa yi bebree ma ɛboro so. Enti fa nea wode rebrɛ me yi ka wo de ho.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso, Esau sere buaa no sɛ, “Me nua, mewɔ saa mmoa yi bebree ma ɛboro so. Enti, fa deɛ wode rebrɛ me yi ka wo deɛ ho.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na Esau kae sɛ: Nea mewɔ dɔɔso, me nua, ma wo de ntena hɔ mma wo.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 33:9
13 Referencias Cruzadas  

Na n’agya Isak bua see no sɛ: Hwɛ, asase a sradeɛ nni mu ne deɛ ɔsoro bosuo ngu soɔ so na wobɛtena.


Wo nkrantɛ so na wonam bɛtena aseɛ, na wobɛsom wo nua. Nanso ɛbɛba sɛ wobɔ mmɔden kentene wo ho a, wobɛyi ne kɔnnua afiri wo kɔn so.


Na Esau tanee Yakob wɔ nhyira a n’agya de hyiraa no no nti. Na Esau kaa no n’akoma mu sɛ: Nna a wɔde bɛsu m’agya no reyɛ abɛn, na merebɛkum me nua Yakob.


Na Yakob kaa sɛ: Dabi da, mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, gye m’ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ me nsam yi, na w’anim a mahunu yi te sɛdeɛ obi hunu Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ w’ani asɔ me.


Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Ɛhe na wo nua Habel wɔ? Na ɔse: Mennim, me nua so hwɛfoɔ ne me anaa?


Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo mpo ne no ntam ba asomdwoeɛ.


Amemem wɔ mmammaa baanu a wɔteam sɛ: Fa ma! Fa ma! Nnoɔma mmiɛnsa na ɛmmee da, aane, nnoɔma nnan na ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso:


Ɔbaako wɔ hɔ na obiara nka ne ho, nso ɔnni babarima anaa onuabarima, nanso ne brɛ nyinaa nni awieeɛ, ahonya nso mmee n’ani. Na hwan mpo na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Yei nso, ahuhudeɛ ne ɔhaw bɔne ne no.


Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Na Anania kɔ kɔhyɛnee ɔdan no mu, na ɔde ne nsa kɔguu ne so kaa sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo kwan a wonam so reba ha no, wasoma me sɛ hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.


ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam.


Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ bebree, sɛ woama ahotefoɔ akoma atɔ wɔn yam.


Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios