Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 33:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Esau maa n’ani so hunuu mmaa no ne wɔn mma no, ɔkaa sɛ: Hwannom ne yeinom a wɔka wo ho yi? Na Yakob buaa sɛ: Ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w’akoa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Esau maa n’ani so hunuu mmaa no ne wɔn mma no, ɔkaa sɛ: Hwannom ne yeinom a wɔka wo ho yi? Na Yakob buaa sɛ: Ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w’akoa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na Esau maa nʼani so huu mmea no ne mmofra no. Obisaa Yakob se, “Eyinom yɛ hefo.” Obuae se, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Esau maa nʼani so hunuu mmaa no ne mmɔfra no. Ɔbisaa Yakob sɛ, “Yeinom yɛ ɛhefoɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔmaa n'ani so huu mmea no ne wɔn mma no, ɔkae sɛ: Henanom ne eyinom a wɔka wo ho yi? Na ose: ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w'akoa.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 33:5
9 Referencias Cruzadas  

Na Yakob bo fuu Rahel kaa sɛ: Mesi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa?


Na mmaawa no twe pinii, wɔn ne wɔn mma, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase.


Na Yosef ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɛyɛ me mma a Onyankopɔn de ama me wɔ ha yi. Ɛnna ɔse: Fa wɔn brɛ me ɛ ma menhyira wɔn.


na me mma nyinaa mu no, (ɛfiri sɛ AWURADE ama me mma pii,) wayi me ba Salomo sɛ ɔntena AWURADE ahennie adwa a wɔde di Israel soɔ no so.


Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.


Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no.


Na bio: Mede me ho bɛto ne so. Na bio nso: Hwɛ, me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.


Na Boas faa Rut waree, na ɔkɔɔ ne ho. Na AWURADE maa no nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.


Abɔfra yi ho mpaeɛ na mebɔeɛ, na AWURADE ama me adeɛ a mesrɛɛ no ne hɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios