Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 33:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Esau tuu mmirika bɛhyiaa no yɛɛ no atuu, na ɔde ne tiri too ne kɔn ho, na ɔfee n’ano, na wɔsui.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na Esau tuu mmirika bɛhyiaa no yɛɛ no atuu, na ɔde ne tiri too ne kɔn ho, na ɔfee n’ano, na wɔsui.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Esau tuu mmirika kohyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, few nʼano. Na wɔn baanu nyinaa sui.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Esau tuu mmirika kɔhyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, fee nʼano. Na wɔn baanu nyinaa suiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na Esau tuu mmirika behyiaa no yɛɛ no atuu, na ɔde ne ti too ne kɔn ho, na ofew n'ano, na wosui.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 33:4
18 Referencias Cruzadas  

Na Yakob fee Rahel ano, na ɔmaa ne nne so sui.


Na Laban tee ne nua ba Yakob nka no, ɔtuu mmirika kɔhyiaa no, na ɔyɛɛ no atuu fee n’ano, na ɔde no baa ne fie. Na ɔbɔɔ n’amanneɛ kyerɛɛ Laban.


Mesrɛ wo, yi me firi me nua Esau nsam, ɛfiri sɛ mesuro no sɛ ɔbɛba abɛku me, ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa.


Na ɔkaa sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ no Israel, ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.


Na Yosef yɛɛ no ntɛm, ɛfiri sɛ na ɔnhunu deɛ ɔnyɛ wɔ ne nua no ho, na na ɔrehwehwɛ baabi akɔsu, na ɔhyɛnee ne pia mu kɔsuu wɔ hɔ.


Na wɔgyegyee aduane no firii n’anim brɛɛ wɔn, na Benyamin deɛ boroo wɔn nyinaa deɛ so mprenum. Na wɔnonnomee, na wɔne no ani gyee.


Na ɔmaa ne nne so sui, na Misraimfoɔ no ne Farao fiefoɔ tee.


Na Yosef siesiee ne nteaseɛnam kɔhyiaa n’agya Israel wɔ Gosen. Na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ no no, ɔsɔɔ ne kɔn mu, na ɔsui ara kyɛree wɔ ne kɔn ho.


Ɛnna Yoab kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no, na ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene nkyɛn, na ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim, na ɔhene yɛɛ Absalom atuu.


Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.


Na wɔfiri akyirikyiri memaa wɔn ani so, na wɔhunuu no no, wɔanhu no. Na wɔmemaa wɔn nne so sui, na wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔtoo mfuturo kɔɔ soro guu wɔn atifi.


Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me, na wagye me afiri deɛ mesuro nyinaa mu.


Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo mpo ne no ntam ba asomdwoeɛ.


Ɔhene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ.


Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya hunuu no, na ne yam hyehyee no, na ɔtutuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ɔfee n’ano.


Na wɔn nyinaa suu pii, na wɔsosɔɔ Paulo kɔn fee n’ano.


Abɔfra no kɔeɛ; na Dawid sɔre firii aboɔkuo no ho, na ɔde n’anim bɛbutuu fam na ɔkotoo mprɛnsa, na wɔfefee wɔn ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid deɛ boroo so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios