Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 33:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Yakob kaa sɛ: Dabi da, mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, gye m’ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ me nsam yi, na w’anim a mahunu yi te sɛdeɛ obi hunu Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ w’ani asɔ me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na Yakob kaa sɛ: Dabi da, mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, gye m’ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ me nsam yi, na w’anim a mahunu yi te sɛdeɛ obi hunu Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ w’ani asɔ me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Yakob kae se, “Dabi, sɛ woagye me fɛw so de a, mesrɛ wo, gye akyɛde a mede rebrɛ wo yi. Nokware ni, esiane sɛ wugyee me ɔdɔ so nti, mihuu wʼanim no, na ayɛ me sɛnea mahu Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yakob kaa sɛ, “Dabi, sɛ woagye me fɛ so deɛ a, mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi. Nokorɛ ni, ɛsiane sɛ wogyee me ɔdɔ so enti, mehunuu wʼanim no, na ayɛ me sɛdeɛ mahunu Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na Yakob kaa se: Dabida, mesrɛ wo, sɛ manya w'anim dom a, gye m'ayɛyɛde a ɛwɔ me nsam yi, na w'anim a mahu yi te sɛ obi hu Nyankopɔn anim, efisɛ w'ani asɔ me.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 33:10
19 Referencias Cruzadas  

Hwɛ, w’akoa anya w’anim adom, na woama w’adɔeɛ a woayɛ me yi aso sɛ woregye me nkwa nanso merentumi nnwane nkɔ mmepɔ no so, na mmusuo no ammɛto me, na manwu.


Na Yakob too ɛhɔ din Peni-el, ɛfiri sɛ ɔse: Me ne Onyankopɔn adi nhunuanimu, nso me kra anya nkwa.


Mesrɛ wo, gye nhyira a wɔde abrɛ woɔ yi, ɛfiri sɛ Onyankopɔn adom me, na mewɔ ade nyinaa. Na ɔhyɛɛ no, na ɔgyee.


Na Esau kaa sɛ: Deɛ mewɔ dɔɔso, me nua, ma w’adeɛ ntena hɔ mma wo.


Na Yuda ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no hyɛɛ yɛn ketee sɛ: Sɛ mo nua no nka mo ho a, monnsi m’anim.


Na Israel nna duruu sɛ ɔbɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa ka m’asene mu, na yɛ me adɔeɛ di me nokorɛ, na nsie me Misraim!


Na nna a wɔde suu no no twaa mu no, Yosef ka kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ: Sɛ manya adom wɔ mo anim a, monkɔyi Farao asotire sɛ:


Na ɔhene kaa sɛ: Ma no mmane nkɔ ne fie, mempɛ sɛ mehunu n’anim. Ɛnna Absalom mane kɔɔ ne fie, na wanhunu ɔhene anim.


Saa nti Absalom dii Yerusalem mfeɛ mmienu, nso wanhunu ɔhene anim da.


Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma ama wɔaba wo nkyɛn sɛ: Bra ha na mensoma wo ɔhene nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn nti na mefiri Gesur mebaeɛ? Ɛyɛ ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Na afei mɛhunu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, ɔnku me.


Na ɔkaa sɛ: Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ sɛ: Nhunu m’anim gye sɛ wode Saulo babaa Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim.


Ɔkoto Onyankopɔn a, n’ani sɔ no, na ɔhunu n’anim anigyeɛ mu, na ɔdane ɔdasani tenenee ma no,


Yei ho na mɛhunu sɛ wopɛ me: Sɛ m’atamfoɔ renni me so ahurisie.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔman a wɔafiri mu afiri afena ano no anya adom ɛserɛ so; berɛ a na Israel rehwehwɛ ahome no.


Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


na wɔbɛhunu n’anim, na ne din bɛba wɔn moma so.


Ɛnna ɔde n’anim butuiɛ, na ɔkotoo fam na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na manya w’anim adom, na w’ani ku me a meyɛ ɔnanani ho yi?


Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim adom, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios