Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 32:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na abɔfoɔ no sane baa Yakob nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛakɔ wo nua Esau nkyɛn, na ɔno nso ne mmarima ahanan reba abɛhyia wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na abɔfoɔ no sane baa Yakob nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛakɔ wo nua Esau nkyɛn, na ɔno nso ne mmarima ahanan reba abɛhyia wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Asomafo no san baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ose ɔreba abehyia wo, na mmarima ahannan na wɔka ne ho reba.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Asomafoɔ no sane baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ɔse ɔreba abɛhyia wo, na mmarima ahanan na wɔka ne ho reba.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na abɔfo no san baa Yakob nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛakɔ wo nua Esau nkyɛn, na ɔno nso ne mmarima ahanan reba abehyia wo.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 32:6
14 Referencias Cruzadas  

na ɔfaa ne mmoakuo nyinaa ne n’ahodeɛ a ɔnyaeɛ nyinaa ne mmoakuo a ɔnyaeɛ wɔ Mesopotamia no nyinaa sii mu sɛ ɔrekɔ n’agya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.


Mesrɛ wo, yi me firi me nua Esau nsam, ɛfiri sɛ mesuro no sɛ ɔbɛba abɛku me, ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa.


Ɛnna Yakob suroo sɛ, na ne ho yeraa no. Na ɔkyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn ne nnwan, mmirekyie, anantwie ne yoma no mu akuo mmienu


kaa sɛ: Sɛ Esau ba kuo baako so bɛku wɔn a, ekuo a ɛbɛka no bɛnya kwan adwane.


Na Yakob maa n’ani so hunui, na hwɛ, Esau reba, na mmarima ahanan ka ne ho. Na ɔkyɛɛ ne mma mu maa Lea ne Rahel ne mmaawa baanu no.


Na Esau kaa sɛ: Ma mennya wo nnipa a wɔka me ho yi bi. Na ɔse: Na wɔnyɛ dɛn? Ma mennya me wura anim adom.


Na ɔkaa sɛ: Na ɛdɔm a mehyiaa wɔn yi ase ne sɛn? Na ɔse: Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛnya me wura anim adom.


Na Sekem ka kyerɛɛ Dina n’agya ne ne nuanom sɛ: Momma mennya mo anim adom, na biribiara a mobɛse me no, mɛma.


Na wɔse: Woagye yɛn nkwa; ma yɛnnya me wura anim adom ara, na yɛbɛyɛ Farao nkoa.


Ɛte sɛdeɛ obi dwane firi gyata anim na osisire hyia no, na ɔba efie na ɔde ne nsa twere ɔfasuo na ɔwɔ ka no.


Na ɔkaa sɛ: Me wura, ma me nkɔ so ara nya w’anim adom, ɛfiri sɛ, woakyekyere me werɛ, na woaka w’abaawa asomdwoeɛsɛm, nso mente sɛ wo mmaawa yi mu biara mpo.


Na Rut, Moabni baa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Ma menkɔ mfuo mu menkɔdi mmɛtem no mpɛpɛ deɛ mɛnya n’anim animuonyam akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, kɔ ɛ!


Na ɔkaa sɛ: Ma w’afenaa nnya w’anim adom. Ɛnna ɔbaa no sii mu kɔ kɔdidiiɛ, na n’anim nte sɛ kane no bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios