Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 32:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na anadwo no ɔsɔree, na ɔfaa ne yerenom baanu ne ne mmaawa baanu no ne ne mma dubaako no de wɔn kɔtwaa Yabok asutwareeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na anadwo no ɔsɔree, na ɔfaa ne yerenom baanu ne ne mmaawa baanu no ne ne mma dubaako no de wɔn kɔtwaa Yabok asutwareeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Anadwo no ara, Yakob sɔre faa ne yerenom baanu ne ne mfenaa baanu no ne ne mma dubaako no, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan wɔ Yabok asutwabea hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Anadwo no ara, Yakob sɔre faa ne yerenom baanu ne ne mfenaa baanu no ne ne mma dubaako no, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan wɔ Yabok asutwareɛ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na anadwo no ɔsɔree, na ɔfaa ne yerenom baanu, ne ne mmaawa baanu no, ne ne mma dubiako no de wɔn kotwaa Yabok asutwaree.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 32:22
10 Referencias Cruzadas  

Na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Fa me yere ma me, na me nna no adu, na mene no nna.


Na ayɛyɛdeɛ no sene dii n’anim; na ɔno deɛ, ɔtenaa nsraban no mu anadwo no.


Na ɔde wɔn twaa asubɔnten no, na ɔmaa deɛ ɔwɔ nyinaa twaee.


Na ne kra refiri ne mu na ɔreyɛ awuo no, ɔtoo no din Ben-oni, na n’agya deɛ, ɔfrɛɛ no Benyamin.


Gye Amon mma asase no nko ho na woantwe ampini; Yabok subonhwa nkyɛn mu nyinaa ne mmepɔ no so nkuro ne baabiara a AWURADE yɛn Nyankopɔn amma yɛn ho kwan no.


Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no, memaa wɔn Gilead fa bi, ɛkɔduru Arnon subonhwa ho a subonhwa no mfimfini ne ɛhyeɛ, de kɔpem Yabok subonhwa no, Amon mma hyeɛ so,


Na sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nnipa, ne titire no ne fiefoɔ a, wapa gyidie, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie.


Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a ɔdii hene firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa nsunoa ne subonhwa no mfimfini ne Gilead fa de kɔsi Yabok subonhwa a ɛne Amonfoɔ hyeɛ no ano,


Na Amonfoɔ hene no ka kyerɛɛ Yefta abɔfoɔ no sɛ: Ɛfiri sɛ Israel faa m’asase berɛ a na wɔfiri Misraim reba no, de firi Arnon kɔsi Yabok ne Yordan ano: Na afei dane ma me komm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios