Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 32:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuakuo, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsene nni m’anim, na momma kuo ne kuo ntam ntwe.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuakuo, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsene nni m’anim, na momma kuo ne kuo ntam ntwe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuwakuw, de maa nʼasomfo a kuw baako biara hyɛ ɔsomfo baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Munni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuwakuw no ntam.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuakuo, de maa nʼasomfoɔ a ekuo baako biara hyɛ ɔsomfoɔ baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Monni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuakuo no ntam.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuwakuw, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsen nni me kan, na momma kuw ne kuw ntam mpan.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 32:16
9 Referencias Cruzadas  

yoma a wɔma nufoɔ ne wɔn mma aduasa, anantwibereɛ aduanan, anantwinini du, mfunumubereɛ aduonu ne mfunumu anini du.


Na ɔhyɛɛ deɛ ɔdi kan no sɛ: Sɛ me nua Esau bɛhyia wo, na ɔbisa wo sɛ: Hwan nipa ne wo, na ɛhe na worekorɔ, na yeinom a ɛdi w’anim yi yɛ hwan dea?


Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w’akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Afei ɔkaa sɛ: Mede ayɛyɛdeɛ a ɛdi m’anim yi merekɔpata no, ansa na mahunu n’anim; ebia ɔbɛhwɛ m’anim.


Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, ɛsi no yie, ɔbɛwie ne nsɛm di, atemmuo mu.


adwempa bɛhwɛ wo so, na nteaseɛ abɔ wo ho ban,


Ɛfiri sɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a ɛyɛ, ne Nyankopɔn na ɔkyerɛkyerɛ no.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.


na ɔka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ: Monsene nni m’anim, hwɛ, meredi mo akyiri maba. Na ne kunu Nabal deɛ, wanka ankyerɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios