Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 32:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammereɛ ahanu, adwennini aduonu,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammereɛ ahanu, adwennini aduonu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Nneɛma no ni: Mmirekyibere ahannu, mpapo aduonu, nguanmmere ahannu, adwennini aduonu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Nneɛma no nie: Mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammedeɛ ahanu, nnwennini aduonu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 mmirekyibere ahanu ne mpapo aduonu, nguammere ahanu ne adwennini aduonu,

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 32:14
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔbarima no yɛɛ kɛseɛ pa ara, na ɔnyaa nnwan pii ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfunumu.


Na berɛ a mmoa no refoforo wɔn ho na wɔanyinsɛn no, memaa m’ani so na mehunui wɔ daeɛ mu, na hwɛ, mpapo a na wɔforo mmirekyie no, wɔn ho yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworonnworan.


na ahonyadeɛ a Onyankopɔn gyee yɛn agya nsam no yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti afei yɛ deɛ Onyankopɔn aka akyerɛ woɔ nyinaa.


Na Onyankopɔn agye mo agya mmoakuo ama me.


Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na ɔyii deɛ ɛwɔ ne nsa mu bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau,


yoma a wɔma nufoɔ ne wɔn mma aduasa, anantwibereɛ aduanan, anantwinini du, mfunumubereɛ aduonu ne mfunumu anini du.


Mesrɛ wo, gye nhyira a wɔde abrɛ woɔ yi, ɛfiri sɛ Onyankopɔn adom me, na mewɔ ade nyinaa. Na ɔhyɛɛ no, na ɔgyee.


Na wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte saa a, ɛnneɛ monyɛ yei: Momfa asase yi so nnepa ngu mo adeɛ mu, na momfa ayɛyɛdeɛ nkɔma ɔbarima no, akyenkyennuro kakra, ɛwoɔ kakra, ohwam, kurobo, nkateɛ ne sorɔno aba nkɔma ɔbarima no.


Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.


Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.


Ayɛyɛ te sɛ aboɔden boɔ wɔ deɛ ɔnya no ani so, baabiara a ɛfa no ɛma no yɛ yie.


na mmom kae AWURADE wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔma wo ahoɔden a wode nya wo ho, na wama n’apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no atim sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛseɛ; ɔwɔ nnwan mpensa ne mmirekyie apem; na ɔretwitwa ne nnwan ho wɔ Karmel.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios