Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 32:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na ɔyii deɛ ɛwɔ ne nsa mu bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na ɔyii deɛ ɛwɔ ne nsa mu bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Saa da no, ɔdaa hɔ. Na oyii nʼagyapade no bi sɛ akyɛde a ɔde bɛma ne nua Esau.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Saa ɛda no, ɔdaa hɔ. Na ɔyii nʼagyapadeɛ no bi sɛ akyɛdeɛ a ɔde bɛma ne nua Esau.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na oyii nea ɛwɔ ne nsam bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau;

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 32:13
18 Referencias Cruzadas  

Na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo. Na sɛ obi tumi kan asase so mfuturo a, ɛnneɛ na ɔbɛtumi akan w’asefoɔ nso.


Na ɔde no firii adi kaa sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wobɛtumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no.


Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abɛgyina ne ntentensoɔ. Na ɔhunuu wɔn no, ɔfirii ne ntomadan pono ano tuu mmirika kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase


Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so.


mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammereɛ ahanu, adwennini aduonu,


Na Yakob kaa sɛ: Dabi da, mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, gye m’ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ me nsam yi, na w’anim a mahunu yi te sɛdeɛ obi hunu Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ w’ani asɔ me.


Na ɔkaa sɛ: Na ɛdɔm a mehyiaa wɔn yi ase ne sɛn? Na ɔse: Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛnya me wura anim adom.


Na Yosef ne asase no so tumfoɔ, ɔne deɛ ɔtɔn aduane ma asase no sofoɔ nyinaa. Na Yosef nuanom ba bɛkotoo no de wɔn anim butubutuu fam.


Na wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte saa a, ɛnneɛ monyɛ yei: Momfa asase yi so nnepa ngu mo adeɛ mu, na momfa ayɛyɛdeɛ nkɔma ɔbarima no, akyenkyennuro kakra, ɛwoɔ kakra, ohwam, kurobo, nkateɛ ne sorɔno aba nkɔma ɔbarima no.


Na Yosef baa fie no, wɔde ayɛyɛdeɛ a wɔkura no kɔɔ ɛdan mu kɔmaa no, na wɔkotoo fam wɔ n’anim.


Ɛnna mede nnipa sisii aseɛ aseɛ hɔnom, ɔfasuo no akyi, deɛ ɛhɔ deda hɔ no, na mede ɔman no sisii sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, wɔkurakura wɔn nkrantɛ ne wɔn mpea ne wɔn tadua.


Ayɛyɛ te sɛ aboɔden boɔ wɔ deɛ ɔnya no ani so, baabiara a ɛfa no ɛma no yɛ yie.


Onipa ayɛyɛdeɛ bɔ kwan ma no, na ɛde no ba nnipa akɛseɛ anim.


Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfoɔ, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyiefoɔ nnamfo.


Kokoam adekyɛ pata abufuo, na kokom adanmudeɛ dwodwo abufuhyeɛ.


Na afei, akyɛdeɛ a w’afenaa de abrɛ me wura yi, ma wɔmfa mma mmeranteɛ a wɔdi me wura akyire no.


Bisabisa wo mmeranteɛ no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmeranteɛ no nnya w’anim adom, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa deɛ ɛwɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios