Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 3:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na ɔpamm onipa no, na ɔde Kerubim ne ogyaframa afena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueeɛ fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛde kɔ nkwa dua no ho no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Na ɔpamm onipa no, na ɔde Kerubim ne ogyaframa afena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueeɛ fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛde kɔ nkwa dua no ho no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Ɔpam onipa no, ɔde Kerubim ne afoa a ɛdɛw twaa ne ho fa baabiara no sii Eden turo no apuei fam sɛ ɛnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Ɔpamoo onipa no. Na Eden turo no apueeɛ fam hɔ no, ɔde Kerubim ne afena a ɛredɛre twa ne ho fa baabiara no sii hɔ sɛ, ɛnwɛn ɛkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na ɔpam onipa no, na ɔde Kerubim ne gyaframa afoa a edi ahim besii Eden turo no anim apuei fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 3:24
20 Referencias Cruzadas  

AWURADE Nyankopɔn tuu no firii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔ asase a wɔfaa no firii mu no.


Na Adam ne ne yere Hawa daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Kain. Na ɔkaa sɛ: AWURADE adaworoma manya ɔbarima.


Hwɛ, woapamo me nnɛ afiri asase yi so, na mɛhunta mafiri w’anim, na mayɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so, na obiara a ɔbɛhu me no, ɔbɛku me.


Ɔde mframa yɛ n’abɔfoɔ, ɔde ogya a ɛderɛ yɛ n’asomfo.


Israel dwanhwɛfoɔ, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nnwankuo, wo a wote Kerubim soɔ, pue hran.


AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him.


Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmɛma me mmasoɔ afɔrebɔdeɛ. Obiara a n’akoma pɛ no nkyɛn na monnye me mmasoɔ afɔrebɔdeɛ.


Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ.


mede no hyɛɛ amanaman tumfoɔ no nsa; die na ɔne no diiɛ, n’abɔnefosɛm nti na metuu no.


Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔkwan mu kura nkrantɛ a watwe wɔ ne nsam na afunumu no mane firii kwan no so kɔfaa wiram; na Bileam hwee afunumu no sɛ ɔredane no aba ɔkwan mu.


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Na abɔfoɔ no ho deɛ, ɔse: Ɔyɛ n’abɔfoɔ mframa ne n’asomfoɔ, ogyaframa,


Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentensoɔ kura nkrantɛ a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ yɛn afa anaa yɛn atamfoɔ afa?


Ɛnna ɔman no soma maa wɔkɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no baeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Nyankopɔn apam adaka no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios