Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 29:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Yakob sii mu kɔɔ nnipa a wɔte apueeɛ fam asase so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Yakob sii mu kɔɔ nnipa a wɔte apueeɛ fam asase so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yakob toaa nʼakwantu so koduu apueifo asase so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yakob toaa nʼakwantuo so kɔduruu apueeɛfoɔ asase so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Yakob siim kɔɔ apuei fam mma no asase so.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 29:1
17 Referencias Cruzadas  

Na ɔsomfoɔ no faa ne wura yoma mu du, na ɔkɔe, na ɔkura ne wura nnepa ahodoɔ nyinaa bi. Na ɔsɔre sii mu kɔɔ Mesopotamia, Nahor kuro mu.


Na Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka, Aramni Betuel ba a ɔfiri Mesopotamia no ne Aramni Laban nua.


Na mmaa nkae mma a Abraham wɔ no deɛ, berɛ a Abraham te aseɛ no, ɔkyɛɛ wɔn adeɛ, na ɔgyaa wɔn kwan firii ne ba Isak ho maa wɔkɔɔ apueeɛ asase no so.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Onyankopɔn a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woredwane afiri wo nua Esau anim no.


Na ɔsii hɔ afɔrebukyia, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel, ɛfiri sɛ da a ɔredwane afiri ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.


Na Salomo nyansa dɔɔso sene apueeɛ mma nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.


Metu wo mmara nsɛm kwan so mmirika, na wotrɛ m’akomam.


Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ.


Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada.


(Na Yakob dwane kɔɔ Siria asase so, na Israel som ɛyerɛ ho, na ɛyerɛ nti ɔhwɛɛ nnwan.)


Na ɔkasaa sɛ: Aram na Balak kɔfaa me firiiɛ, Moabhene no faa me firii apueeɛ mmepɔ mu sɛ: Bra bɛdome Yakob ma me, na bɛbɔ Israel dua.


Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no aforo aba wɔn so,


Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa bɛboaa wɔn ano, na wɔtwa bɛkyeree nsraban Yesreel bonhwa mu.


Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa boaboa bonhwa no mu a wɔn dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea.


Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa mpemdunum, apueeɛfoɔ dɔm no nyinaa nkaeɛ nyinaa; ɛfiri sɛ nnipa a wɔtwe nkrantɛ mpemha aduonu na atotɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios