Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 28:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na Yakob nyane firii ne nna mu no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, AWURADE wɔ ha yi, nanso me deɛ, manhunu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na Yakob nyane firii ne nna mu no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, AWURADE wɔ ha yi, nanso me deɛ, manhunu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Yakob nyanee no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beae ha yi, a na minnim!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yakob nyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beaeɛ ha yi, a na mennim!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na Yakob nyan fii ne nna mu no, ɔkae sɛ: Ampa ara, AWURADE wɔ ha yi, nanso me de, manhu.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 28:16
14 Referencias Cruzadas  

Na Salomo nyanee, na hwɛ, ɛyɛ daeɛ. Na ɔbaa Yerusalem, na ɔbɛgyinaa AWURADE apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔtoo ne nkoa nyinaa pono.


Nso Onyankopɔn kasa prɛko ne deɛ ɛtia mprenu, nanso onipa nnwene ho.


Hwɛ, ɔnam me ho, nso menhu no, ɔsene, nso menhu no.


Ɛhe na mɛfiri wo honhom no anim madwane makorɔ? Na ɛhe na mɛfiri w’anim madwane makorɔ?


Nyankopɔn, wo ho yɛ hu, wo tenabea kronkron mu, Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne man. Nhyira ne Onyankopɔn.


Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ, deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ.


Na AWURADE hunuu sɛ wamane rehwɛ no, ɔfiri nkyɛkyerɛ no mu frɛɛ sɛ: Mose, Mose! Na ɔbuaa sɛ: Menie!


Ɛnna AWURADE kaa sɛ: Ntwe mpini ha! Yi wo nan ase mpaboa, na faako a wogyina hɔ yɛ asase kronkron.


Asafo AWURADE no, ɔno na monyɛ no kronkron, na ɔno na ɔnyɛ mo suro ne mo akomatuo.


Yei so na menyaneeɛ, na mehwɛe, na me nna no tee me dɛ mu.


Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:


Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentensoɔ kura nkrantɛ a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ yɛn afa anaa yɛn atamfoɔ afa?


Na AWURADE dɔm so safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi wo mpaboa firi wo nan, na deɛ wogyina hɔ yɛ kronkron. Na Yosua yɛɛ saa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios