Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 28:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔsoo daeɛ, na hwɛ, na atwedeɛ bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔsoo daeɛ, na hwɛ, na atwedeɛ bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔdae no, ɔsoo dae bi. Dae no mu no, ohuu sɛ antweri bi si fam a nʼatifi ka wim, na Onyankopɔn abɔfo redi so aforosian.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔdaeɛ no, ɔsoo daeɛ bi. Daeɛ no mu, ɔhunuu sɛ atwedeɛ bi si fam a nʼatifi ka ewiem, na Onyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔsoo dae, na hwɛ, antweri bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Onyankopɔn abɔfo di so aforosian.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 28:12
24 Referencias Cruzadas  

Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Na owia reyɛ akɔtɔ no, Abram daa nnahɔɔ, na hwɛ, ehu sum kabii duruu no.


Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa a woakɔfa no no nti, woawu awie, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.


Na mfeɛ mmienu akyiri no, Farao soo daeɛ, na hwɛ, ɔgyina Nil asubɔnten no ho.


Na ɔde ne ho too hɔ sesea bi ase. Na hwɛ, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre didi!


Na AWURADE de n’ani kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bɛdi ama wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho no. Yei mu woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri seesei de rekorɔ yi, akodie bɛba wo so.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Babelhene Belsasar afe a ɛdi kan mu no, Daniel soo daeɛ bi na ɔhunuu ne tirim anisoadeɛ bi ne mpa so. Ɛnna ɔtwerɛɛ daeɛ no kaa nsɛm no mu ade titire.


Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:


Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu.


Na Herode wuiɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Yosef daeɛ mu wɔ Misraim


Na Yesu see no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, mobɛhunu ɔsoro sɛ abue, na Nyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.


Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom no,


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios