Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 27:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Esau tee n’agya nsɛm no, ɔde su kɛseɛ ne awerɛhoɔ pii teaa mu denden ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, hyira me nso bi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

34 Esau tee n’agya nsɛm no, ɔde su kɛseɛ ne awerɛhoɔ pii teaa mu denden ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, hyira me nso bi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Bere a Esau tee asɛm a nʼagya kae no, ɔno nso de awerɛhow teɛɛ mu denneennen, ka kyerɛɛ nʼagya se, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Ɛberɛ a Esau tee asɛm a nʼagya kaeɛ no, ɔno nso de awerɛhoɔ teaam dendeenden, ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

34 Esau tee n'agya nsɛm no, ɔde osu kɛse ne awerɛhow pii teɛɛm dennen ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya, hyira me nso bi.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 27:34
8 Referencias Cruzadas  

Na ɔse: Wo nua de nnaadaa aba abɛgye wo nhyira.


Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.


enti wɔbɛdi wɔn kwan so aba, na wɔn agyina a wɔtutuiɛ amee wɔn.


Onipa agyimisɛm kyinkyim ne kwan, na n’akoma huri tia AWURADE.


Na monim sɛ, akyire yi nso a ɔpɛɛ sɛ ɔnya nhyira no, wɔpaa no, na ɔde nisuo hwehwɛɛ adwensakyera kwan deɛ, nanso wanhunu.


Ɛnna Dawid ne dɔm a wɔka ne ho no memaa wɔn nne so sui ara kɔsii sɛ wɔannya ahoɔden ansu bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios