Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 27:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na Yakob ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɛyɛ me, w’abakan Esau. Mayɛ sɛdeɛ wokyerɛɛ me no. Mesrɛ wo, sɔre, tena ase, na di me hanam, na wo kra nhyira me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na Yakob ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɛyɛ me, w’abakan Esau. Mayɛ sɛdeɛ wokyerɛɛ me no. Mesrɛ wo, sɔre, tena ase, na di me hanam, na wo kra nhyira me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Yakob ka kyerɛɛ nʼagya se, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ nea woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduan no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wudidi wie a, woahyira me.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Yakob ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ deɛ woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduane no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wodidi wie a, woahyira me.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na Yakob ka kyerɛɛ n'agya sɛ ɛyɛ me, w'abakan Esau, mayɛ sɛnea wokyerɛɛ me no. Mesrɛ wo, sɔre, tena ase, na di me hanam, na wo kra nhyira me.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 27:19
15 Referencias Cruzadas  

Na deɛ ɔdi kan firi baeɛ no, na ne ho yɛ kɔɔ, ne ho nyinaa wɔ enwi kusuu. Enti wɔtoo no din Esau.


Na Isak dɔ Esau, ɛfiri sɛ na ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka deɛ, ɔdɔ Yakob.


Na ɔde kɔɔ n’agya nkyɛn, na ɔse: M’agya! Na ɔgyee so sɛ: Menie, ɛyɛ wo hwan a, me ba?


Na Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Twe pini me, na menka wo menhwɛ, me ba, sɛ ampa ara sɛ me ba Esau ne wo anaasɛ ɛnyɛ ɔno a.


Na ɔno nso bɛnoaa akɔnnɔduane de brɛɛ n’agya ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya sɔre ɛ, na di wo ba hanam, na wo kra nhyira me!


Na ɔse: Wo nua de nnaadaa aba abɛgye wo nhyira.


na noa akɔnnɔduane sɛdeɛ mepɛ brɛ me, na menni, na me nhyira wo ansa na mawu.


kɔsi sɛ wo nua abufuo bɛdane afiri wo soɔ, na ne werɛ afiri deɛ woyɛɛ no no, ansa na masoma ama wɔabɛfa wo wɔ hɔ aba. Na adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ mehwere mo baanu da koro?


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifoɔ sɛ wo, na ɔbɔfoɔ bi nam AWURADE asɛm so aka akyerɛ me sɛ: Kɔsane no na ɔne wo mmra wo fie, na ɔmmɛdi aduane na ɔnnom nsuo. Nanso atorɔ na ɔdi kyerɛɛ no.


Na Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Sɔre, sakyera wo ho, na wɔanhunu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo; hwɛ, ɛhɔ na Odiyifoɔ Ahia wɔ; ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛdi ɔman yi so hene.


Na moka sɛ: Yɛne owuo apam, na yɛne Asamando adi nkasasie; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios