Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 26:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na Gerar mmoahwɛfoɔ ne Isak mmoahwɛfoɔ dii so aperepereɛ kaa sɛ: Nsuo no yɛ yɛn dea! Enti Isak too abura no din Esek, ɛfiri sɛ wɔne no hamee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Na Gerar mmoahwɛfoɔ ne Isak mmoahwɛfoɔ dii so aperepereɛ kaa sɛ: Nsuo no yɛ yɛn dea! Enti Isak too abura no din Esek, ɛfiri sɛ wɔne no hamee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Nanso Gerar nguanhwɛfo ne Isak nguanhwɛfo gyee abura no ho akyinnye. Gerar nguanhwɛfo no kae se, “Abura yi yɛ yɛn de.” Eyi maa Isak too saa abura no din Esek, a ase kyerɛ akyinnyegye abura.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Nanso, Gerar nnwanhwɛfoɔ ne Isak nnwanhwɛfoɔ gyee abura no ho akyinnyeɛ. Gerar nnwanhwɛfoɔ no kaa sɛ, “Abura yi yɛ yɛn dea.” Yei maa Isak too saa abura no edin Esek, a aseɛ kyerɛ akyinnyegyeɛ abura.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Na Gerar mmoahwɛfo ne Isak mmoahwɛfo dii so aperepere kae sɛ: Nsu no yɛ yɛn dea! Enti ɔfrɛɛ abura no din Esek, ase ne: ɔham, efisɛ wɔne no hamee.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 26:20
5 Referencias Cruzadas  

Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfoɔ ne Lot mmoahwɛfoɔ ntam. Na berɛ no mu na Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ tete asase no so.


Na asubura bi a Abimelek nkoa nam aniɛden so gyeeɛ no nti, Abraham kaa Abimelek anim.


Na Isak nkoa funuu bonhwa no mu, na wɔhunuu nsupa abura wɔ hɔ.


Na wɔtuu asubura foforɔ, na ɛno ho nso wɔpereperee, enti ɔfrɛɛ no Sitna.


Monse no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ firi yɛn mmɔfraase de bɛsi nnɛ, yɛn ne yɛn nananom, na moatena Gosen asase so, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ kyiri mmoahwɛfoɔ nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios