Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 24:42 - New Revised Asante Twi Bible

42 Na mebaa asubura no ho nnɛ kaa sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a meretuo yi ayɛ dwoodwoo a,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

42 Na mebaa asubura no ho nnɛ kaa sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a meretuo yi ayɛ dwoodwoo a,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 “Mebaa asubura no so nnɛ no, mesrɛe sɛ, ‘Awurade, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantu yi nsi me yiye!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 “Mebaa asubura no so ɛnnɛ no, mesrɛɛ sɛ, ‘Ao, Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantuo yi nsi me yie!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

42 Na mebaa asubura no ho nnɛ kae sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a mitu yi ayɛ dwoodwoo a,

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 24:42
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔmaa ne yoma no butuu kuro no kurotia wɔ asubura bi ho anwummerɛ a mmaa bɛsa nsuo.


Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ammɔ me wura. Na me nso, AWURADE akyerɛ me me wura nuanom fie kwan.


Na ɔkaa sɛ: Wo a AWURADE ahyira woɔ, bra, adɛn nti na wogyina kurotia? Na masiesie ɛdan mu, ne baabi nso mama yoma no.


Na ne wura hunuu sɛ AWURADE di n’akyi na AWURADE ma deɛ ɔyɛ nyinaa yɛ yie n’abasa soɔ no,


Ɛnna mepaee mmuadadie wɔ Ahawa asuo no soɔ, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan tenenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nnoɔma nyinaa,


Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.


Fa wo kwan hyɛ AWURADE nsam, na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ,


Na AWURADE yɛn Nyankopɔn animteɛ mmra yɛn so, na yɛn nsa ano adwuma no, ma no nyɛ yie mma yɛn, aane, yɛn nsa ano adwuma ma no nyɛ yie.


Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm.


na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi ɔnnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn.


na Hana rekasa n’akoma mu, na n’ano nko na ɔbesebese, na ne nne deɛ, wɔnte. Enti Eli buu no sɛ ɔsabofoɔ.


Nanso ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn nipa bi wɔ kuro yi mu, na ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, deɛ ɔka nyinaa ba mu. Ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekorɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios