Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 24:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na ɔbarima no bɔɔ ne mu ase sɔree AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na ɔbarima no bɔɔ ne mu ase sɔree AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Na ɔsomfo no buu nkotodwe, sɔree Awurade Nyankopɔn se,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Afei, ɔsomfoɔ no buu nkotodwe, sɔree Awurade Onyankopɔn sɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na ɔbarima no bɔɔ ne mu ase sɔree AWURADE,

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 24:26
19 Referencias Cruzadas  

Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: Mo ne afunumu yi ntena ha; na me ne abarimaa yi bɛkɔ nohoa akɔsɔre, na yɛasane aba mo nkyɛn.


Na ɔtoaa so sɛ: Yɛwɔ ɛserɛ ne mmoa aduane pii ne deɛ mobɛda.


na mebɔɔ me mu ase mesɔree AWURADE, na mehyiraa AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a ɔkyerɛɛ me nokorɛ kwan sɛ menkɔware me wura nua ba memma ne ba no.


Na Abraham somfoɔ no tee wɔn nsɛm no, ɔkotoo fam sɔree AWURADE.


Na Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Monhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na badwa no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkoto sɔree AWURADE ne ɔhene.


Ɛnna Yehosafat koto de n’anim butuu fam, na Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ no nyinaa hwehwee fam AWURADE anim sɔree AWURADE.


Na Ɔhene Hesekia ne asafohene no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne Ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigyeɛ yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmemaa wɔn nsa so; na wɔkoto sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuu fam.


Asase so abrane nyinaa bɛdidi na wɔakoto no, wɔn a wɔsiane kɔ mfuturo mu nyinaa, ne deɛ anka ne kra nni nkwa no bɛkoto no.


Asase nyinaa bɛsɔre wo na wɔato wo dwom, wɔbɛto dwom ama wo din.


Wɔn a wɔte serɛ so bɛkoto n’anim, na n’atamfo atafere mfuturo.


Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.


monka sɛ: Ɛyɛ twam afɔdeɛ a yɛbɔ ma AWURADE a ɔsianee Israelfoɔ afie ho wɔ Misraim, ɛda a ɔbobɔɔ Misraimfoɔ na ɔyii yɛn afie firii mu.


Na Mose yɛɛ ntɛm kotoo fam sɔree;


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfoɔ na wahunu wɔn amanehunu no, wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Ɛdeɛn na memfa memmra AWURADE anim menkoto ɔsorosoro Nyankopɔn no? Memfa ɔhyeɛ afɔdeɛ memmra n’anim, ne nantwie mma a wɔadi afe afe?


sɛ Yesu din mu na nkotodwe nyinaa nkotoɔ, deɛ ɛwɔ soro, deɛ ɛwɔ asase so, ne deɛ ɛwɔ asase ase,


Na ɛbaa sɛ Gideon tee daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no, ɔkoto sɔree, na ɔsane baa Israel nsraban mu, na ɔkaa sɛ: Monsɔre, ɛfiri sɛ AWURADE de Midian nsraban no ahyɛ mo nsa.


Enti me deɛ, mede no mafɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena aseɛ nyinaa mede no mama AWURADE. Na ɔsɔree AWURADE wɔ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios