Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 24:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɔnnya nwiee kasa no, hwɛ, Rebeka baeɛ a n’ahina si ne batiri so. Ɔyɛ Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na ɔnnya nwiee kasa no, hwɛ, Rebeka baeɛ a n’ahina si ne batiri so. Ɔyɛ Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ogu so rebɔ mpae no na Rebeka bae a ne sukuruwa si ne bati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no na Rebeka baeɛ a ne sukuruwa si nʼabati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na onnya nwiee kasa no, hwɛ, Rebeka a wɔwoo no maa Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba bae, na ne kuruwa si ne mmati so.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 24:15
22 Referencias Cruzadas  

Na yeinom ne Tera awoɔ ntoatoasoɔ: Tera woo Abram, Nahor ne Haran, na Haran woo Lot.


Na Abram ne Nahor waree yerenom, Abram yere din de Sarai, na Nahor yere din de Milka a ɔyɛ Haran babaa. Na Haran yɛ Milka ne Iska agya.


Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduane ne nsuo kotokuo, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ɔmaa no ne abɔfra no kɔe. Na ɔkɔe kɔkyinkyinii Beer-seba serɛ so.


Na ma no mmra sɛ ababaa a mɛse no sɛ: Soɛ w’ahina ma mennom nsuo no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bie no, ma ɔno ara nyɛ deɛ woayi no ama w’akoa Isak, na ɛno mu na mɛhunu sɛ woayɛ me wura adɔeɛ.


Na ɔbuaa no sɛ: M’agya ne Betuel a ɔyɛ Nahor ne Milka ba no.


Na mennya menwiee m’akoma mu kasa no, hwɛ, Rebeka firii adi bae a ahina si ne mmatiri soɔ, na ɔkɔɔ abura no mu kɔsaa nsuo. Na mesee no sɛ: Mesrɛ wo, ma me bi mennom.


Na Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka, Aramni Betuel ba a ɔfiri Mesopotamia no ne Aramni Laban nua.


Na ɔsee wɔn sɛ: Monim Nahor ba Laban anaa? Na wɔse: Yɛni no.


Na Yakob ne wɔn da so rekasa no, Rahel ne n’agya nnwan no bae, ɛfiri sɛ na ɔyɛ odwanhwɛfoɔ.


AWURADE ani wɔ ateneneefoɔ so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.


O mpaebɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa ba.


Nso na Midian sɔfoɔ wɔ mmammaa baason; na wɔba bɛtoo nsuo de hyehyɛɛ adaaseɛ no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nnwan anom.


Ɔhwɛ ne fiefoɔ korɔ-ne-ba, na ɔnni aniha aduane.


Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bɛbua, wobɛteam, na ɔbɛka sɛ: Menie. Sɛ woyi kɔnnua firi wo mu, nsateaa tene ne ahuhukasa,


Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie.


Ɛnna ɔdii afuo no mu mpɛpɛ de kɔduruu anwummerɛ, na ɔporee mpɛpɛ a ɔdiiɛ no, na ɛyɛɛ bɛyɛ atokoɔ efa baako.


Na Rut, Moabni baa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Ma menkɔ mfuo mu menkɔdi mmɛtem no mpɛpɛ deɛ mɛnya n’anim animuonyam akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, kɔ ɛ!


Na wɔreforo kuro no aforoeɛ no, wɔhunuu mmabaa a wɔrefiri abɛsa nsuo. Na wɔbisaa mmabaa no sɛ: Ɔdehunufoɔ no wɔ hɔ anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios