Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 24:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na ma no mmra sɛ ababaa a mɛse no sɛ: Soɛ w’ahina ma mennom nsuo no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bie no, ma ɔno ara nyɛ deɛ woayi no ama w’akoa Isak, na ɛno mu na mɛhunu sɛ woayɛ me wura adɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na ma no mmra sɛ ababaa a mɛse no sɛ: Soɛ w’ahina ma mennom nsuo no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bie no, ma ɔno ara nyɛ deɛ woayi no ama w’akoa Isak, na ɛno mu na mɛhunu sɛ woayɛ me wura adɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ma ɛmmra mu sɛ, ababaa biara a mɛka akyerɛ no se, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsu no bi nnom no,’ sɛ ɔka se, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaa a woapaw no ama wʼakoa Isak. Ɛnam eyi so bɛma mahu sɛ, woahu me wura mmɔbɔ.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ma ɛmmra mu sɛ, ababaawa biara a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsuo no bi nnom no,’ sɛ ɔka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaawa a woapa no ama wʼakoa Isak. Ɛnam yei so bɛma mahunu sɛ, woahunu me wura mmɔbɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 ma ɛmmra sɛ ababaa a mese no sɛ: Soɛ wo kuruwa ma mennom nsu no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bi no, ma ɔno ara nyɛ nea woayi no ama w'akoa Isak, na ɛno mu na mehu sɛ woayɛ me wura adɔe.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 24:14
22 Referencias Cruzadas  

Na ɔbisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na mede bɛhunu sɛ mɛnya?


Hwɛ, meregyina asubura yi so ha; na kurom hɔfoɔ mmammaa bɛfiri abɛsa nsuo.


Na ɔnnya nwiee kasa no, hwɛ, Rebeka baeɛ a n’ahina si ne batiri so. Ɔyɛ Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba.


Na ɔse: Me wura, nom bi! Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ n’ahina no sii ne nsam maa no nomee.


Na ɔmaa no nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ: Mɛkɔ makɔsa bi mabrɛ wo yoma no nso akɔsi sɛ wɔbɛwie nom.


hwɛ, megyina asubura yi ho, na ma no mmra sɛ ababaa a ɔbɛfiri abɛsa nsuo no, na mɛse no sɛ: Mesrɛ wo, ma me w’ahina yi mu nsuo kakra mennom,


na ɔbɛka akyerɛ me sɛ: Nom, na menkɔsa bi memmrɛ wo yoma no nso no, ma ɔno ara nyɛ ɔbaa a AWURADE ayi no ama me wura ba.


Na Yoab bisaa Amasa sɛ: Me nua, wo ho yɛ anaa? Na Yoab de ne nsa nifa kɔsɔɔ Amasa bɔgyesɛ mu sɛ ɔrefe n’ano.


Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ ka wo ho, ɛfiri sɛ ɛkyerɛ sɛ AWURADE afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no.


Efie ne ahodeɛ yɛ agyanom awunnyadeɛ, na ɔyere nimdefoɔ firi AWURADE.


Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, ma no nsiane nkɔ sɛ Asamando, anaa ɛnkorɔn sɛ ɔsoro!


na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi ɔnnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yɛnhunu sɛ yɛn kwan a yɛnam soɔ yi bɛyɛ siadeɛ kwan anaa?


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Afei sɛ manya w’anim animuonyam a, ɛnneɛ yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ me, sɛ ɛyɛ wo na wo ne me rekasa yi.


hwɛ, mede odwanten nwi merebɛhata awiporebea; sɛ obosuo tɔ nwi no so, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛno na mɛhunu sɛ me so na wobɛfa agye Israel, sɛdeɛ wokaeɛ no.


Sɛ ɔka sɛ: Ɛyɛ a, na asomdwoeɛ wɔ hɔ ma w’akoa, na sɛ ne bo fu a, ɛnneɛ hunu sɛ wakyere ne mu sa bɔne.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios