Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 23:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Dabi, me wura, tie me: Mede afuo no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede ma woɔ yi, sie w’amu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Dabi, me wura, tie me: Mede afuo no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede ma woɔ yi, sie w’amu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Dabi, me wura, tie me! Mede afuw no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Migyina me manfo anim, na mede kyɛ wo. Kosie wʼamu no wɔ hɔ.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Dabi, me wura, tie me! Mede afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Megyina me manfoɔ anim, na mede kyɛ wo. Kɔsie wʼamu no wɔ hɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Dabi, me wura, tie me: Mede afuw no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede mema wo yi, sie w'amu.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 23:11
15 Referencias Cruzadas  

Na Abraham bɔɔ ne mu ase wɔ asase no so nkurɔfoɔ no anim,


hyɛɛ Abraham nsa wɔ Het mma no anim, wɔn a wɔhyɛne ne kuro pono mu no nyinaa anim.


Owura, tie yɛn! Okunini bi ne wo wɔ yɛn mu. Yɛn ada mu deɛ wopɛ no, sie w’amu no wɔ mu. Yɛn mu biara renkame wo ne da, sɛ nsie w’amu wɔ mu.


Na ɔdɛɛfoɔ dwene ayamyɛ, na ayamyɛ ara na ɔde gyina.


Obiara a ɔkum obi no, adansefoɔ anomu asɛm so na wɔmfa nkum onipakumfoɔ no; na ɔdanseni baako nnni adanseɛ nntia ɔkra biara mmma no nnwu.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyina nkyɛn no sɛ: Monnye ne nsam bɛnnaa no, na momfa nkɔma deɛ ɔwɔ mmɛnnaa du no.


Adansefoɔ baanu anaa baasa anomu asɛm so na wɔmfa nkum deɛ ɔsɛ wuo; wɔmmfa ɔdanseni baako anomu asɛm so nnku no.


Ɔdanseni baako nnsɔre nntia obi, amumuyɛ biara anaa bɔne biara ho, bɔne biara a wɔyɛ mu; adansefoɔ baanu anaa baasa anomu nsɛm so na asɛm biara nnyina.


Na Boas kɔɔ kuro pono no ano kɔtenaa hɔ. Na hwɛ, na abusua mu gyefoɔ a Boas bɔɔ ne din no retwam; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asomasi ee, mane bra bɛtena ha. Na ɔmane bɛtenaa ase.


Na ɔman a wɔwɔ kuro pono ano hɔ no nyinaa ne mpanin no kaa sɛ: Adansefoɔ ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbaa a waba wo fie no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekyere Israel fie no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem.


Na me deɛ, mese: Mɛyi wo asotire sɛ tɔ no wɔ nkurɔfoɔ yi ne me man mpanin yi anim. Sɛ wobɛgye a, gye, na sɛ worennye a, ka kyerɛ me na menhunu, ɛfiri sɛ obi nni hɔ a ɔbɛgyeɛ sɛ wo ne me a medi w’akyire yi. Na ɔkaa sɛ: Me ara mɛgye.


Na Boas ka kyerɛɛ mpanin no ne ɔman no nyinaa sɛ: Mone adansefoɔ nnɛ, sɛ matɔ Elimelek ho nnoɔma nyinaa ne Kilion ne Mahlon ho nnoɔma nyinaa afiri Naomi nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios