Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 21:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduane ne nsuo kotokuo, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ɔmaa no ne abɔfra no kɔe. Na ɔkɔe kɔkyinkyinii Beer-seba serɛ so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduane ne nsuo kotokuo, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ɔmaa no ne abɔfra no kɔe. Na ɔkɔe kɔkyinkyinii Beer-seba serɛ so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduan ne nsu a egu aboa nhoma mu de maa Hagar. Ɔde aduan no ne nsu no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no se wɔnkɔ. Ofii hɔ kokyinkyin Beer-Seba sare so a na onhu baabi a ɔrekɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduane ne nsuo a ɛgu aboa nwoma mu, de maa Hagar. Ɔde aduane no ne nsuo no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no sɛ, wɔnkɔ. Ɔfirii hɔ kɔkyinkyinii Beer-Seba ɛserɛ so a na ɔnhunu baabi a ɔrekɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduan ne nsu kotoku, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ogyaa ɔne abofra no kwan. Na ɔkɔe, kokyinkyinii Beer-seba sare so.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 21:14
28 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE bɔfoɔ hunuu no nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ so wɔ Sur kwan so nsuo aniwa no ho.


Na Abraham tuaa ahema kɔɔ faako a na ɔgyina AWURADE anim hɔ no.


Na afenaa ba no nso, mɛyɛ no ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔyɛ w’aseni.


Na nsuo no saa wɔ kotokuo no mu no, ɔgyaa abɔfra no too dɔtɔ bi ase.


Enti ɔfrɛɛ hɔ Beer-seba, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔn baanu nyinaa kekaa ntam.


Na Abraham duaa ɛsɛnteɛ dua wɔ Beer-seba, na ɔsɔree AWURADE a ɔyɛ daa Nyankopɔn no wɔ hɔ.


Ɛnna Abraham sane baa ne mmeranteɛ no nkyɛn, na wɔsɔre sii mu baa Beer-seba. Na Abraham tenaa Beer-seba.


Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no.


Na ɔne nnipa a wɔka ne ho no didii na wɔnomeeɛ no, wɔdaa hɔ anadwo no. Na wɔsɔree anɔpa no, ɔkaa sɛ: Monnya me kwan, na menkɔ me wura nkyɛn.


Na mmaa nkae mma a Abraham wɔ no deɛ, berɛ a Abraham te aseɛ no, ɔkyɛɛ wɔn adeɛ, na ɔgyaa wɔn kwan firii ne ba Isak ho maa wɔkɔɔ apueeɛ asase no so.


Na wɔsɔree anɔpatutu kekaa ntam kyerɛkyerɛɛ wɔn ho, na Isak gyaa wɔn kwan, na wɔde asomdwoeɛ firi ne nkyɛn kɔe.


Na ɔfrɛɛ no Siba. Enti kuro no din de Beer-seba de bɛsi nnɛ yi ara.


Na Yakob sɔree anɔpatutu, na ɔfaa ɔboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no de yɛɛ odum sii hɔ, na ɔhwiee ngo guu so.


Na ɔbarima bi hunuu no, na hwɛ, na ɔrewɔ wira no mu ntwɛtwɛdɛ. Na ɔbarima no bisaa no sɛ: Worehwehwɛ deɛn?


Na Israel ne deɛ ɔwɔ nyinaa sii mu, na ɔduruu Beer-seba, na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa n’agya Isak Nyankopɔn.


Na ɔhunuu saa no, ne nkwa nti ɔsuroe na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Beer-seba a ɛyɛ Yuda deɛ no, na ɔgyaa n’abɔfra no wɔ hɔ.


Ɛnna Ɔhene Hesekia tuaa nhema boaboaa kuro no mmapɔmma no ano, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie.


Wɔkyinkyinii anwea pradada so, nkyɛkyerɛ a ɛnni kwan so, wɔanhunu kuro biara antena mu.


Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ.


Deɛ ɔtua nhema de nne kɛseɛ hyira ne yɔnko no, wɔbɛbu no nnuabɔ ama no.


Sɛdeɛ anomaa a ɔfiri ne pirebuo mu kyini teɛ no, saa na onipa a ɔfiri ne tenaberɛ kɔkyini teɛ ne no.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Na Hesbon mfuo ahye; Sibma bobe no, amanaman wuranom abubu ne mman koraa; ɛkɔduruu Yaser, na ɛkyinii serɛ so. Ne mman trɛtrɛe, ma ɛkɔtwaa po.


Na akoa nka fie daa; na ɔba deɛ, ɔtena hɔ daa.


Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa.


Na Samuel tuaa nhema sɛ ɔrekɔhyia Saulo anɔpa; na wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: Saulo aba Karmel, na hwɛ, wasi ne nkaeɛ dum, na wadane ne ho atwam asiane rekɔ Gilgal.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios