Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 19:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na adeɛ reyɛ akye no, abɔfoɔ no piapiaa Lot sɛ: Sɔre, fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo, ɔman yi asotwe mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na adeɛ reyɛ akye no, abɔfoɔ no piapiaa Lot sɛ: Sɔre, fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo, ɔman yi asotwe mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Anɔpahema no, ɔsoro abɔfo no hyɛɛ Lot se, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no fi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kurow no, asɛe mo.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Anɔpahema no, ɔsoro abɔfoɔ no hyɛɛ Lot sɛ, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no firi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kuro no, asɛe mo.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na ade reyɛ akye no, abɔfo no piapiaa Lot sɛ: Sɔre, fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo, ɔman yi amumɔyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 19:15
11 Referencias Cruzadas  

Na Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmammaa no kɔkasaa sɛ: Monsɔre mfiri ha, na AWURADE rebɛsɛe kuro yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.


Na ɔtwentwɛn ne nan ase no, mmarima no sosɔɔ ɔno ne ne yere ne ne mmammaa baanu no nsa, na wɔde no firii adi gyaa no kuro no akyi ɛfiri sɛ AWURADE huu no mmɔbɔ.


Na wɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Dwane gye wo kra nkwa, nhwɛ w’akyi, nso nnyina kanko yi mu baabiara; bepɔ so na dwane korɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo.


Yɛ ntɛm dwane kɔ hɔ, ɛfiri sɛ merentumi nyɛ hwee gye sɛ woakɔduru hɔ ansa. Enti na wɔfrɛ kuro no din sɛ: Soar.


Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ. AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.


Na ɔka sɛ: Ɛberɛ a ɛsɛ mu na matie woɔ, nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ! Hwɛ, ɛnnɛ ne adom berɛ; hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.


Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: Me man, momfiri ne mu, na moanyɛ ne nneyɛɛ bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios