Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 19:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmammaa no kɔkasaa sɛ: Monsɔre mfiri ha, na AWURADE rebɛsɛe kuro yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmammaa no kɔkasaa sɛ: Monsɔre mfiri ha, na AWURADE rebɛsɛe kuro yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Enti Lot fii adi kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmabea no amanneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ no ntɛm, na mumfi kurow yi mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn rebɛsɛe kurow yi!” Nanso na saa mmarima yi susuw sɛ ɔredi fɛw bi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Enti, Lot firii adi, kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmammaa no amaneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ no ntɛm, na momfiri kuro yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn rebɛsɛe kuro yi!” Nanso, na saa mmarima yi susu sɛ ɔredi fɛ bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na Lot fii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmabea no kɔ kasae sɛ: Monsɔre mfi ha, na AWURADE rebɛsɛe kurow yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom no ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 19:14
26 Referencias Cruzadas  

Na adeɛ reyɛ akye no, abɔfoɔ no piapiaa Lot sɛ: Sɔre, fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo, ɔman yi asotwe mu.


Na wɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Dwane gye wo kra nkwa, nhwɛ w’akyi, nso nnyina kanko yi mu baabiara; bepɔ so na dwane korɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo.


Yɛ ntɛm dwane kɔ hɔ, ɛfiri sɛ merentumi nyɛ hwee gye sɛ woakɔduru hɔ ansa. Enti na wɔfrɛ kuro no din sɛ: Soar.


Ɛnna asomafoɔ no sene firii kuro mu kɔɔ kuro mu, Efraim ne Manase asase so de kɔsii Sebulon tɔnn. Na wɔsereseree wɔn na wɔdii wɔn ho fɛw.


Nanso wɔdii Nyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛw, na wɔbuu ne nsɛm no animtia, na wɔsereseree n’adiyifoɔ no de kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ no sɔre tiaa ne man no a wɔannya ano aduro.


Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no kaa sɛ: Monsɔre mfiri me man mu, mo ne Israelfoɔ no, na monkɔ nkɔsom AWURADE, sɛdeɛ mokaeɛ no.


na deɛ wammu AWURADE asɛm no deɛ, ɔgyaa ne nkoa ne ne mmoa wɔ wiram.


Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro.


Na afei monnni fɛw bio, na mo nkyehoma no mu anyɛ den. Na mate ɔsɛeɛ pasaa a wɔasuae ato hɔ, firi asafo AWURADE Nyankopɔn no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so.


Woagyegye me, AWURADE, na mapene nnyegyeɛ no so. Woatintim me so, na woatumi. Madane aseredeɛ daa nyinaa; wɔn nyinaa di me ho fɛw.


Na Yeremia kaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nsɛm a AWURADE wɔn Nyankopɔn de somaa no wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wieeɛ no,


Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atorosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔyɛ hɔ ahɔhoɔ!


Monnwane mfiri Babel mu, na mommema mo kra mfiri mu mfi, na monnnwerɛ wɔ n’amumuyɛ mu, na AWURADE aweretɔ berɛ nie, ɔretua no ne nneyɛɛ so ka.


Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wɔn deɛ, wɔka no ne me ho sɛ: Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubuo yi?


Montwe mo ho mfiri asafo yi mu, na memmene wɔn amonom.


Na ɔkasa kyerɛɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfiri nnipa abɔnefoɔ yi ntomadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ.


Monsɔre mfiri asafo yi mu na memmene wɔn amonom. Na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


Na sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ teɛ nie: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ asiwayere, na wɔnnya nhyiaa mu no, wɔhunuu sɛ ɔnyem deɛ ɛfiri Honhom Kronkron mu.


ɔkaa sɛ: Momma kwan, na ababaa no nwui, na wada. Na wɔseree no.


Nanso wɔn nsɛm no yɛɛ wɔn sɛ nsɛnhunu, na wɔannye wɔn anni.


Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya.


Na wɔtee awufoɔ sɔreɛ no, ebinom dii fɛw, na ebinom kaa sɛ: Yɛbɛtie wo wɔ asɛm yi ho bio.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios