Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 18:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Moanya abɛfa mo akoa nkyɛn yi, merekɔ makɔfa paanoo kakra maba, na mode adwodwo mo akoma, na ɛno akyiri no moakɔ. Na wɔse: Yɛ sɛdeɛ woaka yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Moanya abɛfa mo akoa nkyɛn yi, merekɔ makɔfa paanoo kakra maba, na mode adwodwo mo akoma, na ɛno akyiri no moakɔ. Na wɔse: Yɛ sɛdeɛ woaka yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduan kakra bi mma monka mo ano, na munnya ahoɔden nkɔ mo kwan.” Nnipa no penee so kae se, “Eye, yɛ nea wopɛ sɛ woyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduane kakra bi mma monka mo ano, na monnya ahoɔden nkɔ mo kwan.” Nnipa no penee so kaa sɛ, “Ɛyɛ, yɛ deɛ wopɛ sɛ woyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na mekɔ makɔfa abodoo kakra maba, na mode adwudwo mo koma, na ɛno akyi no moakɔ, na enti na mobɛfaa mo akoa nkyɛn yi. Na wose: Yɛ sɛnea woaka yi.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 18:5
12 Referencias Cruzadas  

Na Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntomadan mu kaa sɛ: Yɛ ntɛm, fa esiam pa susukoraa mmiɛnsa, fete to taterɛ.


Hwɛ, mewɔ mmammaa baanu a wɔnhunuu ɔbarima, momma memfa wɔn mfiri mmrɛ mo, na monyɛ wɔn sɛdeɛ ɛyɛ mo ani soɔ na mmarima yi nko deɛ, monnyɛ wɔn hwee, na ɛno nti na wɔbaa me suhyɛ aseɛ yi.


Na Yakob kaa sɛ: Dabi da, mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, gye m’ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ me nsam yi, na w’anim a mahunu yi te sɛdeɛ obi hunu Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ w’ani asɔ me.


Na ɔrekɔ akɔsa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma kura wo nsam brɛ me.


Na nsa ama ɔdasani akoma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim dɛhyɛdɛhyɛ, na aduane awowa ɔdasani akoma.


Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa afiri Yerusalem ne Yuda, aduane dua nyinaa ne nsuo dua nyinaa,


Ma yɛn yɛn daa aduane nnɛ,


Na Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Ma yɛnsianka wo na yɛnsiesie abirekyie ba bi mma wo ansa.


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Sɛ wosianka me mpo a, merenni w’aduane no bi. Na sɛ wobɛbɔ hyeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, bɔ ɛ! Na Manoa nnim sɛ ɔyɛ AWURADE bɔfoɔ.


Na da a ɛtɔ so nnan no, ɔsɔree anɔpatutu, na ɔsiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma bi dwodwo w’akoma, na ɛno akyiri no, moasi kwan so.


Afei mfiri ha kɔsi sɛ mɛkɔ maba wo nkyɛn na mede m’ayɛyɛdeɛ mabɛsi w’anim. Na ɔkaa sɛ: Mɛtwɛn akɔsi sɛ wobɛsane aba.


Na Gideon kɔ kɔsiesiee abirekyieba ne esiam efa baako apiti; ɛnam no ɔde hyɛɛ kɛntɛn mu, na ɛho nsuo no ɔhwie guu kukuo mu, na ɔde firii adi baa ne nkyɛn odupɔn no ase, na ɔde brɛɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios