Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 16:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔbisaa sɛ: Hagar, Sarai afenaa, wofiri he na woreba, na worekɔ he ni? Na ɔse: Mefiri m’awuraa Sarai anim na meredwane.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔbisaa sɛ: Hagar, Sarai afenaa, wofiri he na woreba, na worekɔ he ni? Na ɔse: Mefiri m’awuraa Sarai anim na meredwane.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɔfo no bisaa Hagar se, “Sarai abaawa Hagar, wufi he, na worekɔ he?” Hagar buaa no se, “Mereguan afi mʼawuraa Sarai nkyɛn.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɔfoɔ no bisaa Hagar sɛ, “Sarai abaawa Hagar, wofiri he, na worekɔ he?” Hagar buaa no sɛ, “Meredwane afiri mʼawuraa Sarai nkyɛn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔkae sɛ: Hagar, Sarai afanaa, wufi he na woreba, na worekɔ he ni? Na ose: Mifi m'awuraa Sarai anim na mereguan.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 16:8
15 Referencias Cruzadas  

Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afenaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar.


Na ɔkɔɔ Hagar ho, na ɔnyinsɛnee. Na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔbuu n’awuraa animtia.


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sane kɔ w’awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.


Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Nyankopɔn bɔfoɔ firi soro frɛɛ Hagar bisaa no sɛ: Hagar, ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ deɛ ɔwɔ hɔ.


Na AWURADE Nyankopɔn frɛɛ Adam, na ɔbisaa no sɛ: Wowɔ he?


Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.


Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Na ɔno deɛ, ɔba bɛgyinaa ne wura anim. Na Elisa bisaa no sɛ: Gehasi, ɛhe na wofiri reba? Na ɔse: W’akoa nkɔɔ baabiara!


Sɛ otumfoɔ honhom sɔre tia wo a, nnya w’afa, na ɛdwo brɛ bɔne akɛseɛ ano ase.


Na ɔmaa n’ani so, na ɔhunuu ɔbarima kwantenni no, kuro no abɔntene so, na akɔkoraa no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na worekorɔ, na ɛhe nso na wofire?


Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa nsɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma no nnye afɔdeɛ. Na sɛ ɛyɛ nnipa mma deɛ a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapamo me nnɛ sɛ merennya kyɛfa wɔ AWURADE agyapadeɛ no ho, na wɔse: Kɔ na kɔsom anyame foforɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios