Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 16:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asi m’awoɔ ho kwan, enti kɔ m’afenaa nkyɛn, ebia mɛnya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asi m’awoɔ ho kwan, enti kɔ m’afenaa nkyɛn, ebia mɛnya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Wo ara wonim sɛ Awurade ama mayɛ obonini; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.” Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asiw m'awo ho kwan, enti kɔ m'afenaa nkyɛn, ebia menya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 16:2
16 Referencias Cruzadas  

Na Sarai yɛ obonini, na ɔnni ba.


Na mɛhyira no, na mama wo ne mu ɔba nso, ampa ara, mɛhyira no. Ɔbɛyɛ aman, na aman ahemfo bɛfiri ne mu.


Na wɔn mu baako kaa sɛ: Ampa ara, mɛsane maba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no, na wo yere Sara anya ɔba. Na Sara retie no ntomadan pono a ɛwɔ n’akyire no ano.


Na abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Yɛn agya anyini, na ɔbarima biara nni asase yi so a ɔbɛba yɛn ho, sɛdeɛ asase sofoɔ nyinaa amanneɛ teɛ.


Ɛsiane Abraham yere Sara ho asɛm no nti, na AWURADE ato Abimelek fiefoɔ mmaa nyinaa yafunu mu.


Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, ɛfiri sɛ na ɔyɛ obonini. Na AWURADE tiee n’adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.


Na Adam kaa sɛ: Ɔbaa no a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba no bie, na mediiɛ.


Na Adam deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woatie wo yere nne, na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nnie no bie nti, wo nti wɔadome asase. Yea mu na wobɛdidi soɔ wo nkwa nna nyinaa.


Na Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no, na ɔbuee ne yam.


Na Rahel kaa sɛ: Onyankopɔn adi m’asɛm, na watie me nne nso ama me ɔba. Enti ɔtoo no din Dan.


Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.


Sɛ ne wura ama no ɔyerɛ, na wawo mmabanin anaa mma mmaa ama no a, ɔbaa no ne ne mma no nyɛ ne wura dea, na ɔno nko nkɔ.


Na ɔman a wɔwɔ kuro pono ano hɔ no nyinaa ne mpanin no kaa sɛ: Adansefoɔ ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbaa a waba wo fie no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekyere Israel fie no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios