Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 16:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beer-lahai-roi, na hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beer-lahai-roi, na hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɛno enti na wɔfrɛ nsuo aniwa no sɛ Beer-Lahai-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn Teasefoɔ a ɔhunu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam bɛsi ɛnnɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beerlahairoi, ase ne: Ɔteasefo a ohu me no abura, hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 16:14
7 Referencias Cruzadas  

Na wɔsane baa Enmispat, (ɛne Kades), na wɔkaa Amalekfoɔ asase nyinaa ne Amorifoɔ nso a wɔte Haseson-tamar no gui.


Na Hagar woo ɔba maa Abram. Abram frɛɛ ne ba a Hagar woo no no Ismael.


Na Onyankopɔn buee n’ani, na ɔhunuu subura bi, na ɔkɔ kɔsaa bi hyɛɛ nsuo kotokuo no ma, na ɔde bi maa abarimaa no nomee.


Enti ɔfrɛɛ hɔ Beer-seba, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔn baanu nyinaa kekaa ntam.


Na Isak firi Lahai-roi abura ho bae, ɛfiri sɛ na ɔte Negeb asase no so.


Na Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak. Na Isak tenaa Lahai-roi abura no ho.


Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios